29 Enti kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ agohwɛbea hɔ. Bere a wɔrekɔ hɔ no, wɔtwee Makedoniafo bi a wɔn din de Gaio ne Aristarko+ a wɔne Paul tutu akwan no kaa wɔn ho.
4 Wɔn a na wɔka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopata, Aristarko+ ne Sekundo a wɔyɛ Tesalonikafo, Derbeni Gaio, Timoteo,+ ne Tikiko+ ne Trofimo+ a wofi Asia mantam mu no.
2 Ná po so hyɛn bi fi Adramitio a ɛrebetu akɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwowɔ mpoano wɔ Asia mantam mu no. Enti yɛkɔforoe, ɛnna yetui. Ná Aristarko+ a ɔyɛ Makedoniani a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.