10 Ɔkae sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no de, mfatoho na wɔde ka kyerɛ wɔn.+ Enti wɔbɛhwɛ de, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte de, nanso wɔrente ase.+
7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de siei, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam.