-
Romafo 16:25, 26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Onyankopɔn na obetumi ama moayɛ den sɛnea asɛmpa a meka, ne Yesu ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm kronkron+ a wɔammɔ so bere tenten 26 a afei wɔayi no adi no te; wɔnam nkɔmhyɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ada no adi ama amanaman nyinaa ahu, sɛnea Onyankopɔn a ɔte ase daa no ahyɛ sɛ wɔmfa gyidi so nyɛ osetie no,
-