11 Ɛno nti, yɛbɔ mpae ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ+ no, na ɔmfa ne tumi nyɛ adepa a ɛsɔ n’ani nyinaa ne gyidi adwuma biara. 12 Ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, na wɔahyɛ mo nso anuonyam wɔ ne mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom te no.