Efesofo 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Enti me a Awurade nti meda afiase+ no, mesrɛ mo sɛ mommɔ mo bra sɛnea ɛbɛyɛ a frɛ a wɔafrɛ mo no bɛfata mo.+ Kolosefo 1:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so asow aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.+ 1 Petro 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na mmom monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu+ sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no,
4 Enti me a Awurade nti meda afiase+ no, mesrɛ mo sɛ mommɔ mo bra sɛnea ɛbɛyɛ a frɛ a wɔafrɛ mo no bɛfata mo.+
10 sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so asow aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.+