23 Asomdwoe Nyankopɔn no ankasa ntew mo ho koraa. Na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra* ne mo nipadua a dɛm biara nni ho no yiye, na asɛm biara amma ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mmae no mu.+
4 Ɛno nti, yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahorow no mu, efisɛ tan a nkurɔfo retan mo ani, ne amanehunu* a morehyia nyinaa, mode animia gyina mu, na moda gyidi adi.+