Yohane 11:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Bere a ɔkaa eyinom no, ɔka kaa ho sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada,+ na merekɔ hɔ akonyan no.” Asomafo Nnwuma 7:59, 60 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 59 Bere a wogu so resiw Stefano abo no, ɔsrɛe sɛ: “Awurade Yesu, mede me nkwa* hyɛ wo nsa.” 60 Afei obuu nkotodwe, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Yehowa,* ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.”+ Bere a ɔkaa saa no, owui.* 1 Korintofo 15:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 bere koro mu.+ Ɛwom, wɔn mu binom awuwu,* nanso wɔn mu dodow no ara da so ne yɛn wɔ hɔ.
59 Bere a wogu so resiw Stefano abo no, ɔsrɛe sɛ: “Awurade Yesu, mede me nkwa* hyɛ wo nsa.” 60 Afei obuu nkotodwe, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Yehowa,* ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.”+ Bere a ɔkaa saa no, owui.*
6 Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 bere koro mu.+ Ɛwom, wɔn mu binom awuwu,* nanso wɔn mu dodow no ara da so ne yɛn wɔ hɔ.