-
Efesofo 6:14-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Enti munnyina hɔ pintinn na momfa nokware nyɛ abɔso* mmɔ mo asen,+ na momfa trenee nyɛ nkatabo,+ 15 na momfa asomdwoe asɛmpa no nyɛ mpaboa, na monyɛ krado nkɔka asɛm no.+ 16 Ne nyinaa da nkyɛn a, momfa gyidi kyɛm kɛse no;+ ɛno na mubetumi de adum ɔbɔnefo no agyan* a ɛredɛw no nyinaa.+ 17 Afei nso, monhyɛ nkwagye dade kyɛw+ na momfa honhom no sekan a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no,
-