15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnhwɛ ne hia ho nnkogyina n’afã, na moredi ɔdefo asɛm nso a, monnhwɛ ne sika ho nnkogyina n’afã.+ Mummu atɛntrenee mma mo yɔnko.
17 Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan, ɛho tew,+ ɛpɛ asomdwoe,+ ɛte asɛm ase,+ ɛyɛ asoɔmmerɛw; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma,+ ɛnyɛ nyiyim,+ na ɛnyɛ nyaatwom.+