-
Asomafo Nnwuma 6:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Nea wɔkae no tɔɔ nnipadɔm no nyinaa asom, na woyii Stefano, ɔbarima a gyidi ne honhom kronkron ayɛ no ma, ne Filipo+ ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao, a ofi Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani no. 6 Wɔde wɔn baa asomafo no nkyɛn, na bere a wɔbɔɔ mpae wiei no, asomafo no de wɔn nsa guu wɔn so.+
-