1 Me Paul, meyɛ Onyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafo. Gyidi ne nokware no ho nimdeɛ a edi mu a wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no wɔ a ɛne onyamesom pa hyia no, ɛno ara bi na mewɔ. 2 Na ne nyinaa gyina daa nkwa ho anidaso+ so, anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro+ no hyɛɛ ho bɔ fi teteete no;