-
Mateo 15:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Nea ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wonkum no.’+ 5 Nanso mo de moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a metumi de aboa wo no, ɛyɛ akyɛde a mahyira so ama Onyankopɔn” no,+ 6 enhia sɛ odi ne papa ni koraa.’ Ɛno nti, mode mo amammerɛ asɛe Onyankopɔn asɛm.+
-