-
1 Timoteo 3:2-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a ne ho nni asɛm, ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu a ɔwɔ yere baako, ɔnyɛ nneɛma ntra so,* n’adwene mu da hɔ,*+ ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ otumi kyerɛkyerɛ,+ 3 ɔnyɛ ɔkɔwensani,+ ɔmpɛ ntɔkwaw,* na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔnyɛ obi a ɔne nkurɔfo ham,+ ɔnyɛ sikanibere,+ 4 ɔyɛ ɔbarima a odi* n’ankasa fifo so yiye, ne mma ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no+ 5 (na sɛ obi nnim sɛnea obedi* n’ankasa fifo so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?), 6 ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidi no mu foforo,*+ efisɛ anhwɛ a ɔbɛyɛ ahomaso na wahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu. 7 Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wonni asafo no mu di ne ho adanse pa,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a n’anim rengu ase na ɔntɔ Ɔbonsam afiri mu.
-