8 Me ne no kasa anim ne anim*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebu mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”
25 wɔayɛ saa fi da a mo agyanom fii Egypt asaase so bae no de besi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mpɛn pii.*+