5 Ɔsom kronn a mmarima yi de ma no te sɛ nea ɛkɔ so wɔ soro+ no, na ɛyɛ ne sunsuma.+ Ɛte sɛ ahyɛde a Onyankopɔn de maa Mose bere a na ɔrebesi ntamadan no. Ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa te sɛ ne nhwɛso a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.”+
9 Saa ntamadan yi yɛ nhwɛso ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛnea ɛho nhyehyɛe te no, wɔde akyɛde ne afɔre nyinaa ma.+ Nanso, eyi ntumi mma nea ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+