15 “Onkum ɔpapo a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ɔman no,+ na ɔmfa ne mogya+ no nwura mu nkɔ ntwamutam no akyi,+ na ɔnyɛ nea ɔde nantwinini no mogya yɛe no ara bi. Ɔmfa mpete mmuaso no anim.
34 Hena na obetumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne nea owui no, na nea ɛsen saa no, ɔno ne nea wɔanyan no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+