-
1 Samuel 2:27, 28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Bere a wo papa fifo wɔ Egypt a wɔyɛ nkoa wɔ Farao fi no, manyi me ho adi ankyerɛ wɔn anaa?+ 28 Mepaw wo nana fii Israel mmusuakuw nyinaa mu+ sɛ ɔnsom sɛ me sɔfo na ɔmforo m’afɔremuka+ nkɔbɔ afɔre, ɔnhyew aduhuam,* na ɔnhyɛ efɔd wɔ m’anim; mede nea Israelfo* de bɔ afɔre wɔ ogya so nyinaa maa wo nana fifo.+
-