25 Onyankopɔn de no mae sɛ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne mogya mu gyidi+ na ama asomdwoe aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne trenee adi, efisɛ n’abotare nti, ɔde bɔne a wɔyɛe tete no kyɛe.
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+
10 Nea saa ɔdɔ yi kyerɛ ni: Ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn. Na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre+ mpata mma yɛn bɔne.*+