Dwom 39:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ampa, onipa biara nam sɛ sunsuma. Ɔpere ne ho* kwa. Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+ Mmebusɛm 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,Na wunnim nea ɛda biara de bɛba.*+ Ɔsɛnkafo 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?
6 Ampa, onipa biara nam sɛ sunsuma. Ɔpere ne ho* kwa. Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+
12 Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?