2Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim+ sɛ akwansrafo.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛnea asaase no te, ɛnkanka Yeriko kurow no.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fi, na wɔsoɛɛ hɔ.
17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kurow no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ ofie hɔ nyinaa, efisɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no siei.+