-
Yuda 12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Saa nnipa yi ne mo bom didi wɔ mo dɔ adidi ase,+ nanso wɔyɛ abotan a ahintaw wɔ nsu ase; wɔyɛ nguanhwɛfo a wodwen wɔn ankasa yafunu ho a wonsuro hwee;+ omununkum a nsu nnim na mframa de di akɔneaba;+ nnua a twabere adu nanso ɛnsow aba, awuwu koraa,* na ase atutu; 13 wɔyɛ ɛpo asorɔkye a wohuru kutukutu puw wɔn ankasa aniwude;+ nsoromma a ekyinkyin kɛkɛ a wɔakora sum kabii so ama wɔn daa.+
-