29 Minim sɛ mekɔ a, mpataku bɔne* bɛba mo mu,+ na wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, 30 na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre, na wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.+
3 Mommma obiara mmma mommfom kwan* wɔ ɔkwan biara so, efisɛ saa da no remma gye sɛ ɔwae+ no adi kan aba ama onipa a onni mmara so,+ ɔsɛe ba+ no ho ada hɔ ansa.
2Ne nyinaa mu no, atoro adiyifo nso sɔree wɔn mu, na saa ara na akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu.+ Wobewiawia wɔn ho abɛtetew akuw a edi awu, na wɔbɛka sɛ wonnim wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn+ no mpo, na wɔn ankasa de ɔsɛe bɛba wɔn ho so ntɛm.
2 ‘Minim wo nnwuma, ne wo brɛ ne w’animia. Na minim nso sɛ wonsosɔ nnipabɔnefo so, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafo+ nanso wɔnyɛ asomafo no, wosɔɔ wɔn hwɛe, na wuhui sɛ wɔyɛ atorofo.