-
Deuteronomium 17:2-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 “Ebia na ɔbarima anaa ɔbea bi akɔyɛ bɔne anaa wabu Yehowa wo Nyankopɔn apam so wɔ nkurow a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no bi mu.+ 3 Sɛ ɔtwe ne ho kɔsom anyame foforo anaa ɔkotow owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo biara,+ biribi a memmaa ho kwan,+ 4 na sɛ wɔka kyerɛ wo anaa wote ho asɛm a, hwehwɛ asɛm no mu yiye. Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ akyiwade a ɛte saa wɔ Israel a,+ 5 ɛnde fa ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛɛ saa bɔne no bra kurow no pon ano, na siw ɔbarima anaa ɔbea no abo kum no.+
-