-
3 Yohane 9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Mekyerɛw biribi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ wɔn mu+ no de, ɔmfa obu nnye biribiara mfi yɛn hɔ.+ 10 Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔreyɛ no, sɛnea ɔkeka yɛn ho nsɛm yayaayaw*+ no. Ɛno koraa nnɔɔso mma no. Ɔmfa obu nso nnye anuanom,+ na wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obesiw wɔn kwan na watu wɔn afi asafo no mu.
-