29 Minim sɛ mekɔ a, mpataku bɔne* bɛba mo mu,+ na wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, 30 na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre, na wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.+
2Ne nyinaa mu no, atoro adiyifo nso sɔree wɔn mu, na saa ara na akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu.+ Wobewiawia wɔn ho abɛtetew akuw a edi awu, na wɔbɛka sɛ wonnim wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn+ no mpo, na wɔn ankasa de ɔsɛe bɛba wɔn ho so ntɛm.