2 Korintofo 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Wasan nso de n’ahyɛnsode atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn komam de ayɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+ Efesofo 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na mo nso bere a motee nokware no, kyerɛ sɛ, mo nkwagye ho asɛmpa no, munyaa anidaso wɔ ne mu. Bere a munyaa ne mu gyidi no, wɔnam no so de honhom kronkron a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no hyɛɛ mo nsow.+ Efesofo 4:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Bio nso, monnhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ;+ ɛno na wɔde ahyɛ mo nsow+ ama da a wɔnam agyede so begye mo no.+
22 Wasan nso de n’ahyɛnsode atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn komam de ayɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+
13 Na mo nso bere a motee nokware no, kyerɛ sɛ, mo nkwagye ho asɛmpa no, munyaa anidaso wɔ ne mu. Bere a munyaa ne mu gyidi no, wɔnam no so de honhom kronkron a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛba no hyɛɛ mo nsow.+
30 Bio nso, monnhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ;+ ɛno na wɔde ahyɛ mo nsow+ ama da a wɔnam agyede so begye mo no.+