Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Adiyisɛm 8:7, 8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nea odi kan no hyɛn ne torobɛnto no. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asaase so;+ na asaase no nkyekyɛm abiɛsa mu baako hyewee, na nnua nkyekyɛm abiɛsa mu baako hyewee, na wura momono nyinaa hyewee.+

      8 Na ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔtow biribi te sɛ bepɔw kɛse a ɛrehyew too ɛpo mu.+ Na ɛpo no nkyekyɛm abiɛsa mu baako dan mogya;+

  • Adiyisɛm 8:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw te sɛ kanea tew fii soro, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyekyɛm abiɛsa mu baako ne nsuti so.+

  • Adiyisɛm 8:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔde ade bɔɔ owia nkyekyɛm abiɛsa mu baako+ ne ɔsram nkyekyɛm abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛm abiɛsa mu baako, sɛnea ɛbɛyɛ a emu nkyekyɛm abiɛsa mu baako beduru sum+ na adekyee nkyekyɛm abiɛsa mu baako rennya hann na anadwo nso ayɛ saa ara.

  • Adiyisɛm 9:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na mihuu nsoromma bi a efi soro abɛhwe asaase so, na wɔde amoa donkudonku+ no ano safe maa no.*

  • Adiyisɛm 9:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Ɔbɔfo a ɔto so asia+ no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na metee nne bi fii sika kɔkɔɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu,

  • Adiyisɛm 11:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahenni,+ na obedi hene daa daa.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena