Dwom 99:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 99 Yehowa abɛyɛ Ɔhene.+ Momma amanaman no ho mpopo. Ɔte kerubim so.*+ Momma asaase nhinhim. Sakaria 14:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ asaase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ baako,+ na ne din ayɛ baako.+ Adiyisɛm 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipadɔm kɛse bi nne ne nnyigyei a ɛte sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,*+ efisɛ Yehowa* yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo+ no afi ase redi hene!+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipadɔm kɛse bi nne ne nnyigyei a ɛte sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,*+ efisɛ Yehowa* yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo+ no afi ase redi hene!+