Adiyisɛm 1:12, 13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na medan m’ani sɛ merehwɛ onii a ɔne me rekasa no, na bere a medan m’ani no, mihuu sika kɔkɔɔ nkaneadua ason,+ 13 na mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfinimfini. Ná ɔhyɛ ataade a esi ne nan ase, na na sika kɔkɔɔ abɔso bɔ ne koko so.
12 Na medan m’ani sɛ merehwɛ onii a ɔne me rekasa no, na bere a medan m’ani no, mihuu sika kɔkɔɔ nkaneadua ason,+ 13 na mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfinimfini. Ná ɔhyɛ ataade a esi ne nan ase, na na sika kɔkɔɔ abɔso bɔ ne koko so.