19 Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam, gye Hiwifo a wɔte Gibeon no.+ Nea aka no nyinaa de, wɔko fae.+ 20 Yehowa na ɔmaa kwan ma wopirim wɔn koma+ sɛ wɔne Israelfo mmɛko, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn a ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔhyew wɔn ase sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+