Yesaia 55:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsu ho!+ Mo a munni sika, mommra, mommɛtɔ, na munni! Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na bo biara nna so.+ Yohane 7:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na ɛda a etwa to a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛse no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsu.+ Adiyisɛm 7:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 efisɛ Oguammaa+ a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn,+ na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho.+ Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nisu nyinaa.”+ Adiyisɛm 21:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Aba mu awie! Mene Alfa ne Omega,* mfiase ne awiei.+ Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nkwa asuti mu nsu no bi kwa.*+
55 Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsu ho!+ Mo a munni sika, mommra, mommɛtɔ, na munni! Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na bo biara nna so.+
37 Na ɛda a etwa to a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛse no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsu.+
17 efisɛ Oguammaa+ a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn,+ na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho.+ Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nisu nyinaa.”+
6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Aba mu awie! Mene Alfa ne Omega,* mfiase ne awiei.+ Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nkwa asuti mu nsu no bi kwa.*+