Numeri
17 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfo no nkasa, na gye poma baako fi wɔn agyanom abusuafi biara mu.+ Gye fi ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu no hɔ. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma 12. Kyerɛw obiara din wɔ ne poma ho. 3 Kyerɛw Aaron din wɔ Lewifo poma ho, efisɛ abusuapanyin biara de poma baako bɛba ama n’agyanom abusuafi. 4 Fa mpoma no nyinaa kogu ahyiae ntamadan no mu wɔ Adanse Adaka no+ anim, baabi a metaa yi me ho adi kyerɛ mo no.+ 5 Na onipa a meyi no no,+ ɔno na ne poma bɛfefɛw, na anwiinwii a Israelfo nwiinwii tia me,+ ne nea wonwiinwii tia mo no,+ mɛma agyae.”
6 Enti Mose ne Israelfo no kasae, na wɔn mpanyimfo no nyinaa de wɔn mpoma maa no. Ɔpanyin a ɔwɔ agyanom abusuafi biara mu de poma baako bae, na ne nyinaa yɛɛ mpoma 12. Ná Aaron poma ka wɔn mpoma no ho. 7 Ɛnna Mose de mpoma no beguu Adanse ntamadan no mu wɔ Yehowa anim.
8 Na ade kyee a Mose kɔɔ Adanse ntamadan no mu no, hwɛ! na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw agu nhwiren, na na asow aborɔfo nkate ama abere. 9 Na Mose de mpoma no nyinaa pue fii Yehowa anim brɛɛ Israelfo no nyinaa. Wɔhwɛɛ mpoma no, na ɔbarima biara yii ne de.
10 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma no+ kɔto Adanse Adaka no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatewfo no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae anwiinwii a wonwiinwii tia me no, na wɔanwuwu.” 11 Ntɛm ara na Mose yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
12 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi de, yebewuwu, nea ɛte biara yɛbɛsɛe; yɛn nyinaa bɛsɛe! 13 Obiara a ɔbɛbɛn Yehowa som ntamadan no mpo bewu!+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu saa?”+