Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Ɔkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.*
58 Mobɛyɛ dɛn atumi aka trenee ho asɛm bere a moayɛ komm?+
Mo nnipa mma, mubetumi abu atɛn wɔ trenee mu?+
5 Sɛ nkonyaayifo a wɔaben yɛ no dɛn mpo a,
Ontie wɔn nne.
6 O Onyankopɔn, dwiriw wɔn se gu.
O Yehowa, bubu agyata* yi abogye.
7 Ma wɔnyera sɛnea nsu yow;
Ma Onyankopɔn ntwe n’agyan wɔ wɔn so na wɔnhwe ase.
8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw a ne mu nsu retwe.
Ma wɔnyɛ sɛ abofra a ne maame apɔn no a wanhu owia.
9 Mode nsɔe nnua bɛsɔ gya, nanso ansa na ogya no bɛka dadesɛn no,
Onyankopɔn de ahum bɛpra dua mono ne nea ɛrehyew no nyinaa akɔ.+
11 Afei nnipa bɛka sɛ: “Ampa ara, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni.+
Anokwa, Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asaase so!”+