2 “Me de, meyɛ nhwiren a misi mpoano asaasetraa so,
Nhwiren a misi bon mu.”+
2 “Sɛnea nhwiren te wɔ nsɔe mu no,
Saa ara na me komam hemmaa te wɔ mmabaa mu.”
3 “Sɛnea aprɛ dua te wɔ kwae mu nnua mu no,
Saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.
M’ani agyina sɛ mɛtena ne nwini mu,
Na n’aduaba yɛ me dɛ.
4 Ɔde me aba apontow fi,
Na ohim ne dɔ wɔ me so sɛ frankaa.
5 Momfa bobe keeki nnwudwo me koma;+
Momfa aprɛ mmrɛ me mma minnya ahoɔden,
Na ɔdɔ abɔ me yare.
6 Ɔde ne nsa benkum ahyɛ me ti ase,
Na ɔde ne nsa nifa abam me.+
7 O Yerusalem mma mmea,
Mede ɔtwe+ ne wuram ɔwansan ka ntam gu mo so sɛ:
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kosi sɛ ne bere bɛso.+
8 Mete sɛ me dɔfo reba!
Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,
Ɔreforo mmepɔw, na ɔrehuruw tra nkoko.
9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe, ɔte sɛ ɔwansan ba.+
Hwɛ, ɔno na ogyina yɛn dan akyi no,
Ɔrehwɛ mfɛnsere mu,
Ɔde n’ani afa nkantankantan mu.
10 Me dɔfo kasae, ɔka kyerɛɛ me sɛ:
‘Me komam hemmaa, sɔre ɛ,
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
11 Hwɛ! awɔwbere atwam.
Osutɔbere atwam; ɛkɔ.
12 Nhwiren apae asaase no so,+
Bere aso sɛ wotwitwa nnua ho,+
Yɛte aburuburuw su wɔ yɛn asaase so.+
13 Borɔdɔma aba a edi kan abere wɔ ne dua so;+
Bobe agu nhwiren, na ɛreyi hua.
Me komam hemmaa, sɔre bra ɛ.
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
14 O m’aburuburuw a wowɔ ɔbotan mu,+
Wo a wohyɛ bepɔw mu,
Ma minhu wo, na mente wo nne ɛ,+
Na wo nne yɛ dɛ, na wo ho twa.’”+
15 “Monkyere sakraman no mma yɛn,
Sakraman nketewa a wɔresɛe yɛn bobefuw no,
Efisɛ yɛn bobe no agu nhwiren.”
16 “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+
Ɔrehwɛ ne nguan+ wɔ nhwiren mu.+
17 O me dɔfo, san bra ntɛm
Te sɛ ɔtwe+ anaa ɔwansan mma+ a wɔwɔ mpaapaemu mmepɔw so,
Ansa na mframa abɔ brɛoo, ansa na sunsuma ayera.