Yeremia
4 “O Israel, sɛ wobɛsan w’akyi a,” Yehowa asɛm ni,
“Sɛ wobɛsan aba me nkyɛn
Na woayiyi w’abosom fĩ no afi m’anim a,
Ɛnde worenyɛ ɔkobɔfo bio.+
2 Na sɛ woka ntam
Wɔ nokware, atɛntrenee, ne trenee mu sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa te ase yi!’ a,
Ɛnde amanaman no nam no so benya nhyira,
Na wɔbɛhoahoa wɔn ho wɔ ne mu.”+
3 Na nea Yehowa aka akyerɛ Yudafo ne Yerusalemfo ni:
“Mumfuntum asaase pa mfa,
Na ɛnsɛ sɛ mokɔ so dua ade wɔ nsɔe mu bio.+
4 Muntwa twetia mma Yehowa,
Na muntwa mo koma twetia,+
Mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,
Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,
M’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,
Na ɛbɛhyew a obiara rentumi nnum no.”+
5 Monka wɔ Yuda, na mommɔ no dawuru wɔ Yerusalem.
Monteɛm na mommɔ abɛn wɔ asaase no so baabiara.+
Monteɛm denneennen, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano,
Na momma yenguan nkɔ nkurow a wɔabɔ ho ban no mu.+
6 Momma ahyɛnsode* so na momfa ani nkyerɛ Sion.
Mompɛ baabi nhintaw, na munnnyina hɔ.”
Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,+ ɔsɛe kɛse bi.
Watu afi ne tenabea sɛ ɔrebɛma w’asaase ayɛ tantaantan.
Ɔbɛsɛe wo nkurow pasaa, na obiara rentena mu.+
8 Eyi nti mumfura awerɛhow ntama,*+
Munni awerɛhow* na munsu nteɛteɛm,
Efisɛ Yehowa abufuhyew no nnan mfii yɛn so.
9 “Saa da no,” Yehowa asɛm ni, “ɔhene koma betu,+
Na atitiriw nso koma betu;
Asɔfo bɛbɔ hu, na adiyifo ho bedwiriw wɔn.”+
10 Ɛnna mekae sɛ: “Ao, Awurade Tumfo Yehowa! Ampa, woadaadaa ɔman yi+ ne Yerusalem paa. Wokae sɛ: ‘Mubenya asomdwoe,’+ nanso sekan na ɛda yɛn menem.”*
11 Saa bere no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ:
“Mframa a emu yɛ hyew befi sare so nkoko a ɛso ayɛ kwabokwabo so,
Na ɛbɛbɔ afa me man babea* so;
Ɛremma mmehuw hwiit so, na ɛremmeyiyi mu fĩ.
12 Mɛma mframa a ano yɛ den paa afi saa mmeae hɔ aba.
Afei mɛka atemmusɛm agu wɔn so.
N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.+
Asɛm ato yɛn, efisɛ wɔasɛe yɛn awie!
14 O Yerusalem, hohoro wo koma ho fi bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo.+
Wobɛkɔ so adwen adwemmɔne akosi da bɛn?
16 Monka ho asɛm, yiw, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;
Mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem.”
“Atɛwfo* fi akyirikyiri asaase bi so reba,
Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkurow.
17 Wofi afã ne afã nyinaa ba no so te sɛ awɛmfo a wɔwɛn afuw,+
Efisɛ watew me so atua,”+ Yehowa asɛm ni.
18 “Wɔde wo ara w’abrabɔ ne wo nneyɛe bɛba wo so.+
Mmusu a ɛbɛba wo so no yɛ nwene sɛ!
Efisɛ awura wo koma mu tɔnn!”
19 Me nsono mu oo! Me nsono mu oo!*
Mete yaw kɛse wɔ me komam.*
Me koma rebɔ paripari wɔ me mu.
20 Amanehunu rekɔ, na amanehunu reba; ɛno ara na yɛte,
Efisɛ wɔasɛe asaase no nyinaa.
Mpofirim ara na wɔsɛee me ntamadan,
Prɛko pɛ na wɔsɛee ntama a wɔde ayɛ me ntamadan no.+
Wɔyɛ mma agyimifo a wonni ntease.
Ɛba bɔne a, wɔn ani atew,*
Na papa de, wonnim ho hwee.”
23 Mehwɛɛ asaase no, na hwɛ! na hwee nni so, na na asɛe pasaa.+
Mehwɛɛ ɔsoro, na na ne hann nni hɔ bio.+
Yehowa na ɔyɛe,
N’abufuhyew nti na ɔyɛe.
Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu,
Na wɔaforo abotan.+
Kurow biara ada mpan,
Na onipa biara nte mu bio.”
30 Afei a wɔayɛ wo pasaa yi, dɛn na wobɛyɛ?
Kan no, wufuraa ntama kɔkɔɔ,
Wode sika kɔkɔɔ agude hyehyɛɛ wo ho,
Wokekaa w’ani ase* tumm sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani aba bepuepue yiye.
Nanso w’ahosiesie no nyinaa ankosi hwee,+
Efisɛ wɔn a wɔpɛ wo no mpo apo wo.
31 Mete nne bi te sɛ ɔbea yarefo nne,
Me ho yeraw me te sɛ ɔbea a ɔrewo n’abakan,
Ɛyɛ Sion babea nne; ɔhome a ensi so.
Watrɛw ne nsam, na ɔka sɛ:+
“Asɛm ato me, efisɛ awudifo nti mabrɛ!”*