Nnwom
74 O Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi?+
Wo nguan a wohwɛ wɔn so no, adɛn nti na wo bo afuw wɔn denneennen saa?*+
Kae Sion Bepɔw a wote so no.+
3 Twa w’ani bɛhwɛ kurow a asɛe afebɔɔ no.+
Biribiara a ɛwɔ kronkronbea hɔ no, atamfo ayɛ no pasaa.+
4 W’atamfo boboom wɔ wo nhyiambea hɔ.+
Wɔde wɔn ankasa frankaa ayeyɛ ahyɛnsode asisi hɔ.
5 Wɔyɛe sɛ mmarima a wɔatwe abonnua asi kwaebirentuw mu.
6 Wɔde mmonnua ne nnade asɛe ɛho adwini nyinaa.+
7 Wɔde ogya too wo kronkronbea no mu.+
Woguu ntamadan a wo din da so no ho fĩ, na wɔbrɛɛ no ase koraa.
8 Wɔne wɔn asefo nyinaa ka wɔ wɔn komam sɛ:
“Yɛbɛhyew Onyankopɔn nhyiambea a ɛwɔ* asaase no so nyinaa.”
9 Yenhu nsɛnkyerɛnne biara;
Odiyifo biara nni hɔ bio,
Na obiara nni yɛn mu a onim bere tenten a ebedi.
10 O Onyankopɔn, atamfo betwa wo adapaa akosi da bɛn?+
Atamfo bebu wo din animtiaa afebɔɔ anaa?+
11 Adɛn nti na woaka wo nsa ahyɛ? Wo nsa nifa no, adɛn na woaka ahyɛ?+
Yi fi wo kokom* na sɛe wɔn.
16 Adekyee yɛ wo dea, na adesae nso wɔ wo.
19 Mfa w’aburuburuw nkwa* nhyɛ wuram mmoa nsa.
Wo nkurɔfo a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, mma wo werɛ mmfi wɔn afebɔɔ.
20 Kae apam a wo ne yɛn ayɛ no,
Efisɛ baabi a esum wɔ wɔ asaase so no, awudisɛm ahyɛ hɔ ma.
22 O Onyankopɔn, sɔre na di w’asɛm.
Kae sɛnea daa nyinaa wɔn a wonni adwene keka wo ho nsɛmmɔne.+
23 Mma wo werɛ mmfi nsɛm a w’atamfo rekeka.
Wɔn a wɔsɔre tia wo no, wɔn dede kɔ soro daa.