Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. Dawid dwom.
125 Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no+
Te sɛ Sion Bepɔw; wɔrenhinhim da,
Na mmom wobetim hɔ daa.+
2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,+
Saa ara na Yehowa atwa ne nkurɔfo ho ahyia+
Fi nnɛ kosi daa.
3 Amumɔyɛfo ahempoma renni atreneefo asaase so daa+
Sɛnea ɛbɛyɛ a atreneefo rennan wɔn ho nkɔyɛ bɔne.+
4 O Yehowa, wo ne nnipa pa nni no yiye,+
Wo ne wɔn a wɔyɛ komam teefo no nni no yiye.+
5 Wɔn a wɔdan kɔ akwammɔne so no,
Yehowa beyi wɔne amumɔyɛfo nyinaa afi hɔ.+
Asomdwoe mmra Israel so.