Hesekiel
20 Afei afe a ɛto so ason, bosome a ɛto so anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo bi bae sɛ wɔde wɔn abisade rebɛto Yehowa anim, na wɔbɛtenatenaa m’anim. 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanyimfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Moaba sɛ mode mo abisade rebɛto m’anim? ‘Mete ase yi de, merentie mo abisade,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’
4 “Worebedi wɔn asɛm anaa?* Onipa ba, worebedi wɔn asɛm? Ma wonhu akyiwade a wɔn agyanom yɛe.+ 5 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Da a mepaw Israel no,+ mekaa Yakob asefo ntam* nso, na mema wohuu me wɔ Egypt asaase so.+ Ampa, mekaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’ 6 Saa da no, mekaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asaase so akɔ asaase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so.+ Ná ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sen asaase biara. 7 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara ntow akyiwade a ɔde n’ani asi so no ngu; mommfa Egypt abosom fĩ* no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
8 “‘“Nanso wɔtew me so atua, na wɔantie me. Wɔantow akyiwade a wɔde asi wɔn ani so no angu, na wɔannyaw Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekae sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuw nyinaa agu wɔn so wɔ Egypt asaase so. 9 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a na wɔtete wɔn mu no+ anim nti na meyɛɛ saa, efisɛ bere a miyii wɔn* fii Egypt asaase so no,+ mema wohuu me wɔ aman yi anim. 10 Enti miyii wɔn fii Egypt asaase so de wɔn baa sare no so.+
11 “‘“Afei mede m’ahyɛde maa wɔn, na mema wohuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a obedi so no anya nkwa.+ 12 Mede me home nna nso maa wɔn+ na ayɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne wɔn ntam,+ na wɔahu sɛ me Yehowa na meretew wɔn ho.
13 “‘“Nanso Israel fi tew me so atua wɔ sare no so.+ Wɔanni m’ahyɛde so, na wɔpoo m’atemmusɛm a sɛ obi di so a obenya nkwa no. Me home nna nso, woguu ho fĩ pɔtɔɔ. Enti mekae sɛ mehwie m’abufuw agu wɔn so wɔ sare no so, na masɛe wɔn pasaa.+ 14 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wohui sɛ meregye wɔn* no anim nti,+ manyɛ saa. 15 Afei nso, mekaa wɔn ntam wɔ sare no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asaase a mede ama wɔn no so,+ asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so no.+ Ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sen asaase biara. 16 Nea wɔyɛe ne sɛ wɔpoo m’atemmusɛm, wɔanni m’ahyɛde so, na me home nna no nso, woguu ho fĩ, efisɛ wɔde wɔn koma dii wɔn abosom fĩ no akyi.+
17 “‘“Nanso mihuu wɔn mmɔbɔ, enti mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ sare no so+ sɛ, ‘Munnni mo agyanom ahyɛde ne wɔn atemmusɛm so,+ na mommfa wɔn abosom fĩ no nngu mo ho fĩ. 19 Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Munni m’ahyɛde so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra.+ 20 Me home nna nso, montew ho+ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam na moahu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
21 “‘“Nanso wɔn mma tew me so atua.+ Wɔanni m’ahyɛde so, na m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a obenya nkwa no, wɔanni so. Woguu me home nna ho fĩ. Enti mekae sɛ mɛma m’ani abere wɔn so na mahwie m’abufuw nyinaa agu wɔn so wɔ sare no so.+ 22 Nanso me din nti+ metwe sanee,+ sɛnea ɛbɛyɛ a me din ho rengu fĩ wɔ aman a wohui sɛ meregye wɔn* no anim. 23 Afei mekaa wɔn ntam wɔ sare no so sɛ mɛbɔ wɔn apete aman so na mahwete wɔn akɔ nsaase so,+ 24 efisɛ wɔanni m’atemmusɛm so, na wɔpoo m’ahyɛde,+ na me home nna nso, woguu ho fĩ; na wodii wɔn agyanom abosom fĩ no akyi.*+ 25 Me nso migyaa wɔn ma wodii ahyɛde a enye ne atemmusɛm a ɛremma wonnya nkwa akyi.+ 26 Memaa wɔn ankasa afɔrebɔde guu wɔn ho fĩ bere a wɔhyew abakan biara wɔ ogya mu* no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahu sɛ mene Yehowa.”’
27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Saa ara na mo agyanom nso anni me nokware; wɔkaa abususɛm tiaa me. 28 Mede wɔn baa asaase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no so.+ Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn ne dua kusuu biara+ a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ. Wɔde wɔn afɔrebɔde baa hɔ de hyɛɛ me abufuw, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam* guu nsã wɔ hɔ. 29 Enti mibisaa wɔn sɛ, ‘Sorɔnsorɔmmea* hɔ a mokɔ yi nso ɛ? (Wɔda so frɛ no Sorɔnsorɔmmea de besi nnɛ.)’”’+
30 “Afei ka kyerɛ Israel fi sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Enti moregu mo ho fĩ sɛnea mo agyanom guu wɔn ho fĩ na wɔne wɔn abosom fĩ no bɔɔ aguaman no anaa?+ 31 Enti moahyew mo mma wɔ ogya mu de wɔn abɔ afɔre ama mo abosom fĩ nyinaa abesi nnɛ de agu mo ho fĩ?+ O Israel fi, eyi nyinaa akyi no, mopɛ sɛ mitie mo abisade?”’+
“‘Mete ase yi de, merentie mo abisade,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 32 ‘Nea ɛwɔ mo adwenem* no remma mu da. Moka sɛ: “Momma yɛnyɛ sɛ amanaman no, yɛnyɛ sɛ asaase no so mmusua, na yɛnsom nnua ne abo.”’”+
33 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni: ‘Mete ase yi, nsa a ɛyɛ den, basa a emu ateɛ, ne abufuhyew na mede bedi mo so hene.+ 34 Meyi mo afi aman horow mu na maboaboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so. Mede nsa a ɛyɛ den, basa a emu ateɛ, ne abufuhyew na ɛbɛyɛ eyi.+ 35 Mede mo bɛba amanaman no sare so, na ɛhɔ na me ne mo bedi asɛm, anim ne anim.+
36 “‘Sɛnea me ne mo agyanom dii asɛm wɔ Egypt sare so no, saa ara na me ne mo bedi asɛm,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 37 ‘Mɛma moafa oguanhwɛfo poma ase+ na mama apam no akyekyere mo.* 38 Nanso mɛpra wɔn a wɔsɔre tia me ne wɔn a wɔto me mmara no afi mo mu.+ Na meyi wɔn afi ananafo asaase so, nanso wɔremma Israel asaase so,+ na mubehu sɛ mene Yehowa.’
39 “Enti Israel fi, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Ɛno akyi no, sɛ moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo afɔrebɔde no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+
40 “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Me bepɔw kronkron so, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so+ na Israel fi nyinaa bɛsom me; wɔn nyinaa bɛsom me wɔ asaase no so.+ Ɛhɔ na megye wɔn atom, na mebisa mo ntoboa ne mo afɔrebɔde mu nea edi kan, mo nneɛma kronkron nyinaa.+ 41 Afɔre huamhuam* no nti, megye mo atom. Mɛyɛ eyi bere a mayi mo afi aman horow so na maboaboa mo ano afi nsaase a wɔabɔ mo ahwete so no so,+ na mobɛma me din ho atew aman anim.’+
42 “‘Na sɛ mede mo bedu Israel asaase+ a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mubehu sɛ mene Yehowa.+ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo suban ne nea moyɛ de guu mo ho fĩ nyinaa,+ na nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa nti, mobɛfɛre.+ 44 Israel fi, ɛnyɛ mo subammɔne anaa mo nneyɛe fĩ no nti na me ne mo bedi na mmom me din ntia,+ na ama moahu sɛ mene Yehowa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”
45 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 46 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anaafo fam na bɔ dawuru kyerɛ anaafo fam, na hyɛ anaafo fam kwae ho nkɔm. 47 Ka kyerɛ anaafo fam kwae sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mede ogya bɛto wo mu+ ma ahyew dumono ne duwui biara a ɛwɔ wo mu. Ogyaframa no rennum,+ na efi anaafo kosi atifi, obiara anim* bɛhyew. 48 Na ɔhonam nyinaa* behu sɛ me Yehowa na mede ogya too mu, na ɛrennum.”’”+
49 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa! Asɛm a wɔreka fa me ho ne sɛ, ‘Ɛnyɛ akasabebu nko ara na ɔka?’”*