Yeremia
45 Odiyifo Yeremia anom asɛm ni. Ɔka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ ma ɔkyerɛwee wɔ nhoma mu.+ Ɔkyerɛwee wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so anan mu. Ɔkae sɛ:
2 “Baruk, nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa wo ho ni, 3 ‘Woka sɛ: “Asɛm ato me, efisɛ Yehowa de ɛyaw aka m’awerɛhow ho! Madi abooboo abrɛ,* na minni ahotɔ.”’
4 “Ka kyerɛ no sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ! Nea masi no, meredwiriw agu, na nea madua no nso, meretutu; ɛbɛba asaase no nyinaa so.+ 5 Nanso wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.”’
“‘Na hwɛ, mede mmusu reba nnipa* nyinaa so,’+ Yehowa asɛm ni, ‘na baabiara a wobɛkɔ no, mede wo nkwa* bɛma wo sɛ asade.’”*+