Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 29
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yuda hene Hesekia ahenni (1, 2)

      • Hesekia pagyaw Onyankopɔn som (3-11)

      • Wɔtew asɔrefi no ho (12-19)

      • Wɔsan fii asɔrefi hɔ nnwuma ase (20-36)

2 Beresosɛm 29:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:1; Ho 1:1; Mt 1:10
  • +2Ah 18:1, 2

2 Beresosɛm 29:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 31:20
  • +1Ah 15:5; 2Ah 18:3

2 Beresosɛm 29:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:33, 34; 2Be 28:24

2 Beresosɛm 29:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 15:11, 12
  • +2Ah 18:4

2 Beresosɛm 29:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:22, 23; Yer 44:21
  • +Yer 2:27; Hes 8:16

2 Beresosɛm 29:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:33, 34
  • +Le 24:2
  • +Ex 30:8
  • +Ex 29:38

2 Beresosɛm 29:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɛbɔ wɔn so hwirema.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:18
  • +Le 26:32; De 28:15, 25

2 Beresosɛm 29:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17
  • +2Be 28:5-8

2 Beresosɛm 29:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:10-13

2 Beresosɛm 29:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mohome mo adwuma so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 3:6; De 10:8
  • +1Be 23:13

2 Beresosɛm 29:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 4:2, 3; 1Be 23:12
  • +1Be 23:21
  • +1Be 23:7

2 Beresosɛm 29:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 15:16, 17; 25:1, 2

2 Beresosɛm 29:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:5
  • +1Be 25:1

2 Beresosɛm 29:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:5

2 Beresosɛm 29:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:36
  • +2Ah 23:4, 6; 2Be 15:16; Yoh 18:1

2 Beresosɛm 29:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:3; 1Be 28:11

2 Beresosɛm 29:18

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 4:1
  • +1Ah 7:40
  • +1Ah 7:48

2 Beresosɛm 29:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:1, 2, 24
  • +2Be 29:5

2 Beresosɛm 29:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 4:3, 13, 14; Nu 15:22-24

2 Beresosɛm 29:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 4:4
  • +Le 4:7, 18

2 Beresosɛm 29:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hebri asɛmfua no kyerɛ nnade ntraantraa abien a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, egyigye kyan-kyan.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:1, 6; 2Be 9:11
  • +1Be 28:12, 13; 2Be 8:12, 14
  • +2Sa 24:11, 12; 1Be 29:29
  • +2Sa 7:2; 12:1

2 Beresosɛm 29:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 10:8; 1Be 15:24

2 Beresosɛm 29:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3, 4

2 Beresosɛm 29:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 23:1; 1Be 16:7

2 Beresosɛm 29:31

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “moahyɛ mo nsam den.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3

2 Beresosɛm 29:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:4; 8:63; 1Be 29:21, 22

2 Beresosɛm 29:34

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “na Lewifo no asiesie wɔn koma.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 8:19; 2Be 30:17; 35:10, 11
  • +2Be 30:2, 3

2 Beresosɛm 29:35

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wosiesiee Yehowa fi som no.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:32
  • +Le 3:1, 14-16
  • +Nu 15:5

2 Beresosɛm 29:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:12

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 29:1Yes 1:1; Ho 1:1; Mt 1:10
2 Be. 29:12Ah 18:1, 2
2 Be. 29:22Be 31:20
2 Be. 29:21Ah 15:5; 2Ah 18:3
2 Be. 29:31Ah 6:33, 34; 2Be 28:24
2 Be. 29:51Be 15:11, 12
2 Be. 29:52Ah 18:4
2 Be. 29:62Be 28:22, 23; Yer 44:21
2 Be. 29:6Yer 2:27; Hes 8:16
2 Be. 29:71Ah 6:33, 34
2 Be. 29:7Le 24:2
2 Be. 29:7Ex 30:8
2 Be. 29:7Ex 29:38
2 Be. 29:82Be 24:18
2 Be. 29:8Le 26:32; De 28:15, 25
2 Be. 29:9Le 26:14, 17
2 Be. 29:92Be 28:5-8
2 Be. 29:102Be 15:10-13
2 Be. 29:11Nu 3:6; De 10:8
2 Be. 29:111Be 23:13
2 Be. 29:12Nu 4:2, 3; 1Be 23:12
2 Be. 29:121Be 23:21
2 Be. 29:121Be 23:7
2 Be. 29:131Be 15:16, 17; 25:1, 2
2 Be. 29:141Be 25:5
2 Be. 29:141Be 25:1
2 Be. 29:152Be 29:5
2 Be. 29:161Ah 6:36
2 Be. 29:162Ah 23:4, 6; 2Be 15:16; Yoh 18:1
2 Be. 29:171Ah 6:3; 1Be 28:11
2 Be. 29:182Be 4:1
2 Be. 29:181Ah 7:40
2 Be. 29:181Ah 7:48
2 Be. 29:192Be 28:1, 2, 24
2 Be. 29:192Be 29:5
2 Be. 29:21Le 4:3, 13, 14; Nu 15:22-24
2 Be. 29:22Le 4:4
2 Be. 29:22Le 4:7, 18
2 Be. 29:251Be 25:1, 6; 2Be 9:11
2 Be. 29:251Be 28:12, 13; 2Be 8:12, 14
2 Be. 29:252Sa 24:11, 12; 1Be 29:29
2 Be. 29:252Sa 7:2; 12:1
2 Be. 29:26Nu 10:8; 1Be 15:24
2 Be. 29:27Le 1:3, 4
2 Be. 29:302Sa 23:1; 1Be 16:7
2 Be. 29:31Le 1:3
2 Be. 29:321Ah 3:4; 8:63; 1Be 29:21, 22
2 Be. 29:34Nu 8:19; 2Be 30:17; 35:10, 11
2 Be. 29:342Be 30:2, 3
2 Be. 29:352Be 29:32
2 Be. 29:35Le 3:1, 14-16
2 Be. 29:35Nu 15:5
2 Be. 29:362Be 30:12
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 29:1-36

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

29 Hesekia+ bedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abia, na na ɔyɛ Sakaria ba.+ 2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so+ sɛnea ne nana Dawid yɛe no.+ 3 N’ahenni afe a edi kan, bosome a edi kan no, obuebuee Yehowa fi apon, na osiesiei.+ 4 Na ɔmaa asɔfo ne Lewifo no bae, na ɔboaboaa wɔn ano wɔ petee mu wɔ apuei fam. 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Lewifo, muntie me. Munnwira mo ho,+ na monyɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn fi no kronkron, na munyiyi nea ɛho ntew mfi kronkronbea hɔ.+ 6 Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn ani so bɔne;+ wogyaw no na woyii wɔn ani fii Yehowa ntamadan so, na wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no.+ 7 Wɔtotoo abantenten no apon nso mu,+ na wodunnum nkanea no.+ Wogyaee aduhuam no hyew,+ na wɔammɔ ɔhyew afɔre+ wɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn bio. 8 Enti Yehowa bo fuw Yuda ne Yerusalem,+ na ɔde mmusu baa wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa hu wɔn a, wɔn ho bɛyeraw wɔn, wɔn ho bedwiriw wɔn anaa wobedi wɔn ho fɛw,* sɛnea mo ara mo ani tua yi.+ 9 Hwɛ, eyi nti na wɔde sekan kunkum yɛn agyanom,+ na wɔde yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmea ne yɛn yerenom kɔɔ obi man so.+ 10 Afei me koma so ade ne sɛ me ne Israel Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ apam+ na n’abufuhyew afi yɛn so. 11 Me mma, ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ mototo mo adwuma ase,* efisɛ Yehowa apaw mo sɛ munnyina n’anim nsom no na monyɛ n’asomfo+ na monhyew afɔrebɔde mma no.”+

12 Ɛnna Lewifo yi sɔree: Kohat asefo+ no ne, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel. Merari asefo+ no ne, Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria. Gerson asefo+ no ne, Sima ba Yoa ne Yoa ba Eden. 13 Elisafan asefo no ne, Simri ne Yeuel. Asaf asefo+ no ne, Sakaria ne Matania. 14 Heman asefo+ no ne, Yehiel ne Simei. Yedutan asefo+ no ne, Semaia ne Usiel. 15 Afei wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wodwiraa wɔn ho, na sɛnea ɔhene no nam Yehowa asɛm so de ahyɛde mae no, wɔbae sɛ wɔrebɛtew Yehowa fi no ho.+ 16 Na asɔfo no baa Yehowa fi hɔ bɛtew ho, na woyiyii nneɛma a ɛho ntew a wohui wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no nyinaa kɔɔ Yehowa fi adiwo.+ Na Lewifo no nso de fii adi kɔɔ Kidron Bon+ no ho. 17 Enti wofii ase tew ho bosome a edi kan no da a edi kan, na bosome no da a ɛto so awotwe no, woduu Yehowa fi abantenten no ho;+ wɔde nnafua awotwe tew Yehowa fi no ho, na wowiee adwuma no bosome a edi kan no da a ɛto so 16.

18 Wowiei no, wɔkɔɔ Ɔhene Hesekia anim kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa fi no ne ɔhyew afɔremuka+ ne ɛho nneɛma nyinaa+ yɛatew ho, na ɔpon a wɔde paanoo a wɔde taataa so no* gu so+ ne ɛho nneɛma nyinaa nso, yɛatew ho. 19 Afei nso, bere a Ɔhene Ahas di hene no, nneɛma a ne bɔne nti oyiyi fii hɔ no,+ yɛasiesie atew ne nyinaa ho,+ na ɛwɔ Yehowa afɔremuka no anim.”

20 Na Ɔhene Hesekia sɔree anɔpatutuutu kɔboaboaa kurow no mu mpanyimfo ano, na wɔbaa Yehowa fi hɔ. 21 Nea wɔde bae ne anantwinini ason, adwennini ason, adwennini nkumaa ason, ne mpapo ason a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ahenni no, tenabea kronkron no, ne Yuda.+ Na ɔka kyerɛɛ asɔfo no, Aaron asefo no sɛ, wɔmfa mmɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka no so. 22 Ɛnna wokunkum anantwi no,+ na asɔfo no de mogya no petepetee afɔremuka no so;+ ɛno akyi no, wokunkum adwennini no, na wɔde mogya no petepetee afɔremuka no so, na wokunkum adwennini nkumaa no, na wɔde mogya no petepetee afɔremuka no so. 23 Afei wɔde mpapo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene ne bagua no anim na wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Ɛnna asɔfo no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no bɔɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so de pata maa Israel nyinaa, efisɛ ɔhene kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre no mma Israel nyinaa.

25 Saa bere no nyinaa na wama Lewifo no abegyinagyina Yehowa fi hɔ, na wokurakura nnawuru,* asanku, ne asankuten+ sɛnea Dawid+ ne Gad+ a ɔyɛ ɔdehufo ma ɔhene ne odiyifo Natan+ nnwonto ho nhyehyɛe te, efisɛ Yehowa nam n’adiyifo no so na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe. 26 Enti, na Lewifo no kurakura Dawid nnwonto nneɛma no gyinagyina hɔ, ɛnna asɔfo no nso kurakura ntorobɛnto.+

27 Afei Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre no wɔ afɔremuka no so.+ Bere a wofii ase sɛ wɔrebɔ ɔhyew afɔre no, Yehowa dwom ne ntorobɛnto no fii ase, na wɔhyɛn maa ɛne Israel hene Dawid nnwonto nneɛma no nnyigyei hyiae. 28 Na bere a wɔreto dwom na wɔrehyɛn ntorobɛnto no nyinaa na bagua no nyinaa abobɔ wɔn mu ase. Eyi nyinaa kɔɔ so kosii sɛ wowiee ɔhyew afɔre no. 29 Wowiee afɔrebɔ no ara pɛ, ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa kotow de wɔn anim butubutuw fam. 30 Ɛnna Ɔhene Hesekia ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehufo Asaf nsɛm nyi Yehowa ayɛ.+ Enti wodii ahurusi kɛse yii no ayɛ, na wɔkotow de wɔn anim butubutuw fam.

31 Afei Hesekia kae sɛ: “Seesei a wɔayi mo asi hɔ* ama Yehowa adwuma yi, mommra na momfa afɔrebɔde ne aseda afɔre mmra Yehowa fi.” Enti bagua no de afɔrebɔde ne aseda afɔre bae, na obiara a ne koma kaa no de ɔhyew afɔre bae.+ 32 Ɔhyew afɔre a bagua no de bae no dodow si anantwi 70, adwennini 100, adwennini nkumaa 200; wɔde eyinom nyinaa bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa.+ 33 Afɔrebɔde kronkron no nso yɛ anantwi 600 ne nguan 3,000. 34 Nanso na asɔfo no nnɔɔso, na wɔantumi angua mmoa a wɔde bɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa. Enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn+ kosii bere a wowiee adwuma no; wɔboaa wɔn kosii sɛ asɔfo no dwiraa wɔn ho,+ efisɛ na ahodwira ho hia Lewifo no paa* sen asɔfo no. 35 Afei nso, na ɔhyew afɔre+ no ne asomdwoe afɔre+ ho srade ne afɔrebɔ nsã a ɛka ɔhyew afɔre+ no ho no dɔɔso pii. Saa na ɛyɛe a wɔsan fii Yehowa fi som adwuma no ase.* 36 Enti nea nokware Nyankopɔn no ayɛ ama ɔman no, Hesekia ne ɔman no nyinaa dii ho ahurusi,+ efisɛ biribiara kɔɔ ntɛm.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena