Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Nsɛe Me.” Dawid dwom. Miktam.* Saa bere no, Saul nti na waguan akɔhyɛ ɔbodan mu.+
57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,
Na wo na mede wo ayɛ me* guankɔbea;+
Wo ntaban nwini ase na mede ayɛ me guankɔbea kosi sɛ ɔhaw no betwam.+
2 Ɔsorosoroni Nyankopɔn na misu frɛ no,
Misu frɛ nokware Nyankopɔn no, na me nti ɔma ɔhaw no to twa.
3 Onyankopɔn bɛsoma afi soro abegye me.+
Ɔbɛma nea ɔpɛ sɛ ɔmene me no agyinatu ayɛ ɔkwa. (Sela)
Onyankopɔn bɛsoma ne dɔ a enni huammɔ ne ne nokware.+
Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔmene me no ntam na meda;
Wɔn se te sɛ mpeaw ne agyan,
Na wɔn tɛkrɛma te sɛ sekan a ano yɛ nnam.+
Wɔatu amoa wɔ m’anim,
Nanso wɔn ankasa akɔtɔ mu.+ (Sela)
Mɛto ayeyi dwom ama wo.
8 M’anuonyam, nyan ɛ;
O sanku, nyan; sankuten, wo nso nyan.
Menyan ahemanakye.+