Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 6
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Solomon kasa kyerɛɛ ɔman no (1-11)

      • Solomon mpae a ɔde buee asɔrefi no ano (12-42)

2 Beresosɛm 6:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:21; 1Ah 8:12, 13; Dw 97:2

2 Beresosɛm 6:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 132:13, 14

2 Beresosɛm 6:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:14-21

2 Beresosɛm 6:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/2005, kr. 19

2 Beresosɛm 6:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6

2 Beresosɛm 6:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 48:1
  • +2Sa 7:8; 1Be 28:4

2 Beresosɛm 6:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:2; 1Ah 5:3

2 Beresosɛm 6:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “wo ba a obefi w’asen mu aba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 17:4

2 Beresosɛm 6:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:5; 29:23
  • +1Be 17:11

2 Beresosɛm 6:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 40:20; 1Ah 8:9

2 Beresosɛm 6:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:22

2 Beresosɛm 6:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:36
  • +1Ah 8:54

2 Beresosɛm 6:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:9; 1Ah 8:23-26

2 Beresosɛm 6:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:6
  • +2Sa 7:12, 13; 1Be 22:10

2 Beresosɛm 6:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:4; Dw 132:12

2 Beresosɛm 6:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:48
  • +2Be 2:6; Yes 40:12; Aso 17:24
  • +1Ah 8:27-30; Yes 66:1

2 Beresosɛm 6:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:2

2 Beresosɛm 6:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 6:10
  • +2Ah 19:20; 2Be 30:27
  • +2Be 7:12-14; Mik 7:18

2 Beresosɛm 6:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ne yɔnko no frɛ nnome ba no so.” Kyerɛ sɛ, ɔma ɔka ntam sɛ nea ɔreka no, sɛ ɛyɛ nkontompo a, nnome mmra no so.

  • *

    Nt., “nnome.”

  • *

    Nt., “nnome.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:31, 32

2 Beresosɛm 6:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “bu ɔtreneeni no ɔtreneeni.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 34:11
  • +Yes 3:10, 11; Hes 18:20

2 Beresosɛm 6:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17; Yos 7:8, 11; Ate 2:14
  • +Da 9:3, 19
  • +Esr 9:5
  • +1Ah 8:33, 34

2 Beresosɛm 6:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 57:15
  • +Dw 106:47

2 Beresosɛm 6:26

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “woahiahia wɔn ho.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 14:13
  • +Le 26:19; De 28:23
  • +1Ah 8:35, 36

2 Beresosɛm 6:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 30:20, 21; 54:13
  • +1Ah 18:1

2 Beresosɛm 6:28

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “wɔn apon nkurow.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ru 1:1; 2Ah 6:25
  • +Le 26:14, 16; De 28:21, 22
  • +Am 4:9; Hag 2:17
  • +De 28:38; Yoe 1:4
  • +2Be 12:2; 32:1
  • +1Ah 8:37-40

2 Beresosɛm 6:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 20:5, 6
  • +2Be 33:13
  • +Mme 14:10
  • +Da 6:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/15/2008, kr. 12-13

    1/1/2004, kr. 32

    4/15/1997, kr. 4

2 Beresosɛm 6:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 63:15
  • +Dw 130:4
  • +1Sa 16:7; 1Be 28:9; Yer 11:20; 17:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/15/2008, kr. 12-13

    1/1/2004, kr. 32

2 Beresosɛm 6:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:48; Ru 1:16; 2Ah 5:15; Yes 56:6, 7; Aso 8:27
  • +1Ah 8:41-43

2 Beresosɛm 6:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 22:27; 46:10

2 Beresosɛm 6:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 31:2; Yos 8:1; Ate 1:1, 2; 1Sa 15:3
  • +1Ah 8:44, 45
  • +2Be 14:11; 20:5, 6

2 Beresosɛm 6:35

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 37:36

2 Beresosɛm 6:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 130:3; Ɔsɛ 7:20; Ro 3:23
  • +Le 26:34; 1Ah 8:46-50; Da 9:7

2 Beresosɛm 6:37

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:40; Esr 9:6; Ne 1:6; Dw 106:6; Da 9:5

2 Beresosɛm 6:38

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 7:3
  • +De 30:1-3; Da 9:2, 3
  • +Da 6:10

2 Beresosɛm 6:39

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 51:36, 37

2 Beresosɛm 6:40

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mpae a ɛfa ofi yi ho.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 7:15; 16:9; Dw 65:2; Yes 37:17

2 Beresosɛm 6:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:2
  • +Dw 65:4; 132:8-10

2 Beresosɛm 6:42

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “nyi nea woasra no no ani mfi w’anim.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 1:34; Dw 18:50
  • +Aso 13:34

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 6:1Ex 20:21; 1Ah 8:12, 13; Dw 97:2
2 Be. 6:2Dw 132:13, 14
2 Be. 6:31Ah 8:14-21
2 Be. 6:5De 12:5, 6
2 Be. 6:6Dw 48:1
2 Be. 6:62Sa 7:8; 1Be 28:4
2 Be. 6:72Sa 7:2; 1Ah 5:3
2 Be. 6:91Be 17:4
2 Be. 6:101Be 28:5; 29:23
2 Be. 6:101Be 17:11
2 Be. 6:11Ex 40:20; 1Ah 8:9
2 Be. 6:121Ah 8:22
2 Be. 6:131Ah 6:36
2 Be. 6:131Ah 8:54
2 Be. 6:14De 7:9; 1Ah 8:23-26
2 Be. 6:151Ah 3:6
2 Be. 6:152Sa 7:12, 13; 1Be 22:10
2 Be. 6:161Ah 2:4; Dw 132:12
2 Be. 6:18Aso 7:48
2 Be. 6:182Be 2:6; Yes 40:12; Aso 17:24
2 Be. 6:181Ah 8:27-30; Yes 66:1
2 Be. 6:20De 26:2
2 Be. 6:21Da 6:10
2 Be. 6:212Ah 19:20; 2Be 30:27
2 Be. 6:212Be 7:12-14; Mik 7:18
2 Be. 6:221Ah 8:31, 32
2 Be. 6:23Hio 34:11
2 Be. 6:23Yes 3:10, 11; Hes 18:20
2 Be. 6:24Le 26:14, 17; Yos 7:8, 11; Ate 2:14
2 Be. 6:24Da 9:3, 19
2 Be. 6:24Esr 9:5
2 Be. 6:241Ah 8:33, 34
2 Be. 6:25Yes 57:15
2 Be. 6:25Dw 106:47
2 Be. 6:26Hes 14:13
2 Be. 6:26Le 26:19; De 28:23
2 Be. 6:261Ah 8:35, 36
2 Be. 6:27Yes 30:20, 21; 54:13
2 Be. 6:271Ah 18:1
2 Be. 6:28Ru 1:1; 2Ah 6:25
2 Be. 6:28Le 26:14, 16; De 28:21, 22
2 Be. 6:28Am 4:9; Hag 2:17
2 Be. 6:28De 28:38; Yoe 1:4
2 Be. 6:282Be 12:2; 32:1
2 Be. 6:281Ah 8:37-40
2 Be. 6:292Be 20:5, 6
2 Be. 6:292Be 33:13
2 Be. 6:29Mme 14:10
2 Be. 6:29Da 6:10
2 Be. 6:30Yes 63:15
2 Be. 6:30Dw 130:4
2 Be. 6:301Sa 16:7; 1Be 28:9; Yer 11:20; 17:10
2 Be. 6:32Ex 12:48; Ru 1:16; 2Ah 5:15; Yes 56:6, 7; Aso 8:27
2 Be. 6:321Ah 8:41-43
2 Be. 6:33Dw 22:27; 46:10
2 Be. 6:34Nu 31:2; Yos 8:1; Ate 1:1, 2; 1Sa 15:3
2 Be. 6:341Ah 8:44, 45
2 Be. 6:342Be 14:11; 20:5, 6
2 Be. 6:35Yes 37:36
2 Be. 6:36Dw 130:3; Ɔsɛ 7:20; Ro 3:23
2 Be. 6:36Le 26:34; 1Ah 8:46-50; Da 9:7
2 Be. 6:37Le 26:40; Esr 9:6; Ne 1:6; Dw 106:6; Da 9:5
2 Be. 6:381Sa 7:3
2 Be. 6:38De 30:1-3; Da 9:2, 3
2 Be. 6:38Da 6:10
2 Be. 6:39Yer 51:36, 37
2 Be. 6:402Be 7:15; 16:9; Dw 65:2; Yes 37:17
2 Be. 6:411Be 28:2
2 Be. 6:41Dw 65:4; 132:8-10
2 Be. 6:421Ah 1:34; Dw 18:50
2 Be. 6:42Aso 13:34
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 6:1-42

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

6 Saa bere no, Solomon kae sɛ: “Yehowa se omununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 2 Ɛnnɛ masi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+

3 Afei, bere a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene dan n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 4 Ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Israel Nyankopɔn Yehowa a obuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama aba mu no; asɛm a ɔkae ne sɛ, 5 ‘Efi da a miyii me man fii Egypt asaase so de besi nnɛ da yi, minyii Israel mmusuakuw no kurow bi sɛ wonsi ofi mma me din ntena hɔ,+ na mempaw onipa bi nso sɛ onni me man Israel anim. 6 Nanso mayi Yerusalem+ sɛ me din ntena hɔ, na mapaw Dawid sɛ onni me man Israel so.’+ 7 Ná ɛda me papa Dawid koma so sɛ obesi ofi ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 8 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ wo koma so ade sɛ wubesi ofi de me din ato so; woayɛ ade sɛ ɛda wo koma so. 9 Mmom ɛnyɛ wo na wubesi ofi no; wo ba a wobɛwo no* na obesi ofi no de me din ato so.’+ 10 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, efisɛ madi me papa Dawid ade, na matena Israel ahengua so+ sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no.+ Afei nso, masi ofi de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so, 11 na mede Adaka no asi hɔ; emu na apam a Yehowa ne Israelfo yɛe no wɔ.”+

12 Afei okogyinaa Yehowa afɔremuka no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam.+ 13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere bamma bi de asi ofi no adiwo mfinimfini.+ Ne tenten yɛ basafa* anum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na efi soro besi fam yɛ basafa abiɛsa; okogyinaa so.) Afei obuu nkotodwe wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ ɔsoro.+ 14 Ɛnna ɔkae sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo; wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa som wo no.+ 15 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama aba mu.+ Wo ara na wubuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama aba mu.+ 16 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma ɛmmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wodi me mmara so sɛnea woadi me mmara so yi a, ɛnde daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so wɔ m’anim.’+ 17 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa Dawid no mmra mu.

18 “Enti Onyankopɔn betumi ne adasamma atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ ofi a masi yi!+ 19 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dan w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpae a merebɔ wɔ w’anim yi. 20 Bue w’aniwa hwɛ ofi yi awia ne anadwo, faako a wokae sɛ wobɛma wo din atena no,+ na tie mpae a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no. 21 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae a, tie yɛn nkotosrɛ;+ sɛ edu w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+

22 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma ɔka ntam* na ntam* no de asodi to no so, na sɛ ɔba w’afɔremuka no anim wɔ ofi yi mu bere a waka ntam*+ no a, 23 ɛnde fi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; tua ɔbɔnefo no ka ma nea ɔyɛe no mmegu ne ti so,+ na bu ɔtreneeni no bem* na dom no sɛnea ne trenee te.+

24 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wodi nkogu wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba bɛhyɛ wo din anuonyam,+ na wɔbɔ mpae+ de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ ofi yi mu+ a, 25 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie,+ na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔne wɔn agyanom no so.+

26 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na osu antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan fi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpae na wɔkamfo wo din a,+ 27 ɛnde wo ara fi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔkwampa a wɔmfa so.+ Ma osu ntɔ+ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapade no so.

28 “Sɛ ɔkɔm na ɛbɛba asaase no so+ oo, sɛ nsanyare a edi awu na ɛbɛba+ oo, sɛ ɔhyew na ɛbɛma nnɔbae awuwu oo, sɛ ɔyare na ebesi wɔn mfuw so+ oo, sɛ ntutummɛ anaa mmebɛw na ɛbɛba+ oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛtow ahyɛ wɔn nkurow* no biara so+ oo, ɔhaw anaa ɔyare biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 29 mpaebɔ+ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (efisɛ obiara nim ne haw ne ne yaw)+ sɛ wɔtrɛw wɔn nsam kyerɛ ofi yi+ a, 30 ɛnde wo ara fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛnea n’akwan te, efisɛ wo na wunim ne komam (wo nko ara na wunim nea ɛwɔ ɔdasani komam);+ 31 ɛno bɛma wɔasuro wo na wɔanantew w’akwan so, nna dodow a wobedi wɔ asaase a wode maa yɛn agyanom no so.

32 “Afei ɔhɔho a omfi wo man Israel mu mpo, sɛ wo din kɛse+ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woateɛ mu nti ofi akyirikyiri asaase so ba, na ɔde n’ani kyerɛ ofi yi bɔ mpae+ a, 33 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da ofi a masi yi so.

34 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kurow a woapaw yi ne ofi a masi ama wo din+ yi bɔ wo mpae+ a, 35 ɛnde, fi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.+

36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso de, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fuw wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kyere wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa nea ɛbɛn so,+ 37 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛkotow srɛ wo wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumɔyɛsɛm,’+ 38 na sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔkyeree wɔn kɔɔ so no so,+ na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woapaw+ ne ofi a masi ama wo din no bɔ mpae a, 39 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn;+ wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.

40 “Afei me Nyankopɔn, mesrɛ wo bue w’aniwa hwɛ, na yɛ aso tie mpae a yɛbɔ wɔ ofi ha*+ no. 41 O Yehowa Nyankopɔn, afei kɔ wo homebea,+ wo ne w’ahoɔden Adaka no. Yehowa Nyankopɔn, fa nkwagye fura w’asɔfo, na ma w’anokwafo nni ahurusi wo papayɛ mu.+ 42 O Yehowa Nyankopɔn, ntow nea woasra no no nkyene.*+ Kae ɔdɔ a enni huammɔ a wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛda no adi akyerɛ w’akoa Dawid+ no nyinaa.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena