Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Solomon Dwom 5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Solomon Dwom Mu Nsɛntitiriw

    • SULAMNI ABABAA NO WƆ YERUSALEM (3:6–8:4)

Solomon Dwom 5:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nmd 4:16
  • +Nmd 4:13, 14
  • +Nmd 4:11
  • +Nmd 1:2

Solomon Dwom 5:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “dɛm biara nni wo ho.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nmd 3:1
  • +Lu 2:8

Solomon Dwom 5:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a ɔrekasa no, me ho mmoa nyinaa guanee.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nmd 3:1, 3

Solomon Dwom 5:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔyɛ kɔkɔɔ.”

Solomon Dwom 5:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “adobɛ aba.”

Solomon Dwom 5:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “asukɔn so.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/15/2015, kr. 29

    11/15/2006, kr. 19

Solomon Dwom 5:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “sukooko.”

  • *

    Anaa “kurobow nsunsu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nmd 6:2
  • +Nmd 1:13

Solomon Dwom 5:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “asono se.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2006, kr. 19-20

Solomon Dwom 5:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 92:12

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2006, kr. 19-20

Solomon Dwom 5:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ne dodom.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nmd 2:3

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Nmd. 5:1Nmd 4:16
Nmd. 5:1Nmd 4:13, 14
Nmd. 5:1Nmd 4:11
Nmd. 5:1Nmd 1:2
Nmd. 5:2Nmd 3:1
Nmd. 5:2Lu 2:8
Nmd. 5:6Nmd 3:1, 3
Nmd. 5:13Nmd 6:2
Nmd. 5:13Nmd 1:13
Nmd. 5:15Dw 92:12
Nmd. 5:16Nmd 2:3
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Solomon Dwom 5:1-16

Solomon Dwom

5 “Me nuabea, m’ayeforo,

Maba me turo mu.+

Matetew me kurobow ne m’aduhuam.+

Madi me wokyɛm ne me wo;

Manom me nsã* ne me nufusu.”+

“Nnamfo pa, munnidi!

Monnom ɔdɔ na ɛmmow mo!”+

 2 “Mada nanso me koma anyan.+

Mate sɛ me dɔfo rebɔ pon mu!”

‘Bue me, me nuabea, me komam hemmaa,

M’aburuburuw, wo ho twa!*

Obosu ama me tirim afɔw,

Anadwo bosu afɔw me ti nwi.’+

 3 Mayi m’ataade.

Mensan nhyɛ bio anaa?

Mahohoro me nan ho.

Mensan nyɛ ho fĩ bio anaa?

 4 Ɛnna me dɔfo twee ne nsa fii ɔpon tokuru no mu,

Ne nti, me yam nkosua nyinaa bobɔe.

 5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo;

Me nsa ho kurobow sosɔe,

Kurobow nsunsu a ɛwɔ me nsateaa ho sosɔe,

Ɛsosɔ guu korɔkorɔ no ho.

 6 Ɛnna mibuee ɔpon no sɛ me dɔfo mmra mu,

Nanso na me dɔfo adan ne ho; ná ɔkɔ.

Bere a mihui sɛ ɔkɔ no,

ebubuu me.*

Mehwehwɛɛ no, nanso

manhu no.+

Mefrɛɛ no, nanso wannye me so.

 7 Awɛmfo a wɔnenam kurow no mu huu me.

Wɔbobɔɔ me, wopirapiraa me.

Awɛmfo a wɔwɛn afasu no yii me nkataanim.

 8 O Yerusalem mma mmea, meka ntam gu mo so sɛ:

Sɛ muhu me dɔfo a,

Monka nkyerɛ no sɛ, ɔdɔ abɔ me yare.”

 9 “O mmea mu hoɔfɛfo,

Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara?

Dɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforo biara

A enti woaka ntam a ɛnte sɛɛ agu yɛn so yi?”

10 “Me dɔfo te sɛ ahwehwɛ; ɔbere* kama;

Nnipa mpem du gyinagyina hɔ a, ɔda mu fua.

11 Ne ti yɛ sika kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ amapa.

Ne ti nwi te sɛ berɛw a ɛredi ahim,*

Ɛyɛ tumm sɛ kwaakwaadabi.

12 N’ani te sɛ mmuruburuw a wɔwɔ nsu ho,

Mmuruburuw a wɔreguare nufusu mu,

Mmuruburuw a wosisi nsu ano.*

13 N’afono te sɛ nkofi a aduhuam ayɛ so ma,+

Nkofi a nnuhuam gu so.

N’ano yɛ nhwiren;* ɛsosɔ kurobow.*+

14 Ne nsateaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sikaberebo

ahyehyɛ mu,

Ne yafunu yɛ asonse* a wɔatwiw ho a wɔde hoabo adura ho.

15 Ne nan yɛ abohemmaa adum a ne nnyinaso yɛ sika kɔkɔɔ amapa.

N’ahoɔfɛ te sɛ Lebanon; ɔda mu fua te sɛ Lebanon sida nnua.+

16 Ade a ɛyɛ dɛ wɔ n’anom,*

Ne ho biribiara yɛ fɛ.+

Yerusalem mma mmea, oyi ne me dɔfo; ɔdɔ-yɛ-wu.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena