Dawid dwom.
28 O Yehowa me Botan,+ wo na mefrɛ wo daa.
Nsisiw w’aso, m’adesrɛ ho.
Sɛ woyɛ komm wɔ me ho a,
Mɛyɛ sɛ wɔn a wɔrekɔ amoa mu no.+
2 Misu frɛ wo a, tie me,
Sɛ mede m’ani kyerɛ wo tenabea kronkron no pia mu pia no na mema me nsa so kyerɛ wo a, tie me.+
3 Nkan me mfra nnebɔneyɛfo, wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.+
Wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ wɔn yɔnko nnipa, nanso bɔne na ɛwɔ wɔn komam.+
4 Tua wɔn ka sɛnea wɔn suban te,+
Sɛnea wɔn nnwuma bɔne te.
Tua wɔn ka sɛnea wɔn nsa ano adwuma te,
Sɛnea wɔn nneyɛe te,+
5 Efisɛ wɔmma Yehowa nnwuma nhia wɔn,+
Na ne nsa ano adwuma nso, wommu.+
Obedwiriw wɔn agu, na ɔremma wɔn so nsi hɔ.
6 Ayeyi nka Yehowa,
Efisɛ watie me sufrɛ.
7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+
Ɔno na mede me koma to no so;+
Waboa me, na me koma di ahurusi,
Enti mɛto dwom ayi no ayɛ.
8 Yehowa yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo,
Ɔyɛ abannennen a ɔde nkwagye kɛse brɛ nea wasra no no.+
9 Gye wo nkurɔfo, na hyira w’agyapade;+
Hwɛ wɔn so, na soa wɔn wɔ wo kokom daa.+