Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Beresosɛm 22
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Dawid boaboaa nneɛma a wɔde besi asɔrefi no ano (1-5)

      • Dawid maa Solomon akwankyerɛ (6-16)

      • Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa Solomon (17-19)

1 Beresosɛm 22:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6; 2Sa 24:18; 2Be 3:1

1 Beresosɛm 22:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 9:20, 21; 2Be 2:17, 18
  • +1Ah 5:15, 17; 6:7; 7:9

1 Beresosɛm 22:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:47

1 Beresosɛm 22:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:11
  • +1Ah 5:6, 8
  • +2Be 2:3

1 Beresosɛm 22:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔyɛ mmerɛw.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:7
  • +2Be 2:5
  • +Hag 2:3
  • +Dw 68:29

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    1/2017, kr. 29

1 Beresosɛm 22:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6; 2Sa 7:2; Dw 132:3-5

1 Beresosɛm 22:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 17:4

1 Beresosɛm 22:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ahodwo.”

  • *

    Efi Hebri asɛmfua bi mu; ɛkyerɛ “Asomdwoe.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:5
  • +2Sa 7:12, 13; 1Ah 4:25; 5:4
  • +2Sa 12:24
  • +Dw 72:7

1 Beresosɛm 22:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:5
  • +2Sa 7:14; Heb 1:5
  • +1Be 17:12-14; Dw 89:35, 36

1 Beresosɛm 22:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:20

1 Beresosɛm 22:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 1:10; Dw 72:1
  • +De 4:6

1 Beresosɛm 22:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:37; De 12:1; 17:18, 19; Yos 1:8; 1Ah 2:3; 1Be 28:7; Dw 19:8, 11
  • +Yos 1:6, 9; 1Be 28:20

1 Beresosɛm 22:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:6, 7
  • +1Be 29:2-4

1 Beresosɛm 22:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 5:17; 6:7; 7:9
  • +1Ah 7:13, 14

1 Beresosɛm 22:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 22:3
  • +2Be 1:1

1 Beresosɛm 22:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:29; 2Be 20:3; Da 9:3
  • +1Ah 6:1
  • +1Ah 8:6, 21
  • +De 12:21; 1Ah 8:29; 9:3

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Be. 22:1De 12:5, 6; 2Sa 24:18; 2Be 3:1
1 Be. 22:21Ah 9:20, 21; 2Be 2:17, 18
1 Be. 22:21Ah 5:15, 17; 6:7; 7:9
1 Be. 22:31Ah 7:47
1 Be. 22:42Sa 5:11
1 Be. 22:41Ah 5:6, 8
1 Be. 22:42Be 2:3
1 Be. 22:51Ah 3:7
1 Be. 22:52Be 2:5
1 Be. 22:5Hag 2:3
1 Be. 22:5Dw 68:29
1 Be. 22:7De 12:5, 6; 2Sa 7:2; Dw 132:3-5
1 Be. 22:81Be 17:4
1 Be. 22:91Be 28:5
1 Be. 22:92Sa 7:12, 13; 1Ah 4:25; 5:4
1 Be. 22:92Sa 12:24
1 Be. 22:9Dw 72:7
1 Be. 22:101Ah 5:5
1 Be. 22:102Sa 7:14; Heb 1:5
1 Be. 22:101Be 17:12-14; Dw 89:35, 36
1 Be. 22:111Be 28:20
1 Be. 22:122Be 1:10; Dw 72:1
1 Be. 22:12De 4:6
1 Be. 22:13Le 19:37; De 12:1; 17:18, 19; Yos 1:8; 1Ah 2:3; 1Be 28:7; Dw 19:8, 11
1 Be. 22:13Yos 1:6, 9; 1Be 28:20
1 Be. 22:141Be 29:6, 7
1 Be. 22:141Be 29:2-4
1 Be. 22:151Ah 5:17; 6:7; 7:9
1 Be. 22:151Ah 7:13, 14
1 Be. 22:161Be 22:3
1 Be. 22:162Be 1:1
1 Be. 22:19De 4:29; 2Be 20:3; Da 9:3
1 Be. 22:191Ah 6:1
1 Be. 22:191Ah 8:6, 21
1 Be. 22:19De 12:21; 1Ah 8:29; 9:3
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Beresosɛm 22:1-19

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan

22 Ɛnna Dawid kae sɛ: “Nokware Nyankopɔn Yehowa fi ni, na afɔremuka yi so na Israel bɛbɔ ɔhyew afɔre.”+

2 Afei Dawid kae sɛ wɔmmoaboa ahɔho+ a wɔabɛtena Israel nyinaa ano, na ɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔmpae abo na wonsen mfa nsi nokware Nyankopɔn no fi no.+ 3 Afei nso, Dawid siesiee nnade bebree a wɔde bɛyɛ apon ho nnadewa ne nea wɔde besuso nneɛma mu, ne kɔbere bebree a wontumi nkari,+ 4 ne sida nnua+ a enni ano, efisɛ Sidonfo+ ne Tirofo+ de sida nnua bebree brɛɛ Dawid. 5 Ɛnna Dawid kae sɛ: “Me ba Solomon yɛ abofra, na ne ho nkokwawee,*+ na ofi a wɔrebesi ama Yehowa no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdan kɛse paa,+ na ɛyɛ fɛ na egye din+ wɔ asaase nyinaa so.+ Enti mɛboaboa nneɛma ano ama no.” Ɛno nti Dawid pɛɛ nneɛma pii de siei ansa na ɔrewu.

6 Afei nso, ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi ofi mma Israel Nyankopɔn Yehowa. 7 Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Me de, na ɛda me koma so sɛ mesi ofi ama Yehowa me Nyankopɔn din.+ 8 Nanso nea Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Woahwie mogya pii agu, na woadi ako akɛse. Ɛnyɛ wo na wubesi ofi ama me din+ efisɛ woahwie mogya pii agu asaase so wɔ m’anim. 9 Hwɛ, wobɛwo ɔbabarima.+ Ɔbɛyɛ asomdwoe* nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ wɔbɛfrɛ no Solomon,* + na mɛma Israel anya asomdwoe na wɔn ho adwo wɔn wɔ ne bere so.+ 10 Ɔno na obesi ofi ama me din;+ ɔbɛyɛ me ba na me nso mayɛ n’agya.+ Mɛma n’ahenni agua atim Israel so afebɔɔ.’+

11 “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ensi wo yiye, na si Yehowa wo Nyankopɔn fi no sɛnea ɔka faa wo ho no.+ 12 Sɛ Yehowa ma wudi Israel so a, ɔmma wo nhumu ne ntease+ a wode bedi Yehowa wo Nyankopɔn mmara so.+ 13 Sɛ wohwɛ di ahyɛde ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israel no so pɛpɛɛpɛ a, ɛnde ebewie wo yiye.+ Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den. Nsuro, na mmɔ hu.+ 14 Mamia m’ani paa aboaboa eyinom nyinaa ano de asie ama Yehowa fi no: sika kɔkɔɔ dwetikɛse* 100,000, dwetɛ dwetikɛse 1,000,000, ne kɔbere ne dade+ a ne dodow nti wontumi nkari. Masan asiesie nnua ne abo agu hɔ+ nanso ɛno de, pɛ bi ka ho. 15 Adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wɔbɛboa wo: abopaefo ne abo ne nnua ho adwumfo+ ne nnipa a wɔn ho akokwaw wɔ adwuma biara mu.+ 16 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne kɔbere ne nnade no nni ano.+ Keka wo ho na fi adwuma no ase. Yehowa nni w’akyi.”+

17 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa sɛ wɔmmoa ne ba Solomon; ɔkae sɛ: 18 “Yehowa mo Nyankopɔn nka mo ho anaa? Ɛnyɛ ɔno na wama mo ho adwo mo afi aman a atwa mo ho ahyia nyinaa nsam? Ɔde asaase no sofo nyinaa ahyɛ me nsa, na Yehowa ne ne man adi asaase no so. 19 Na afei, momfa mo koma ne mo kra* nyinaa nhwehwɛ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na mumfi ase nsi nokware Nyankopɔn Yehowa tenabea kronkron no,+ na momfa Yehowa apam adaka ne nokware Nyankopɔn nneɛma kronkron no+ mmra ofi a wɔasi ama Yehowa din no mu.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena