Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 22
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yuda hene Ahasia ahenni (1-9)

      • Atalia gyee ahenni no kɛntɛn so (10-12)

2 Beresosɛm 22:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoahas wɔ 2Be 21:17 no.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 21:16, 17
  • +2Ah 8:24-26

2 Beresosɛm 22:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “babea.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:1, 13, 16; 2Be 24:7
  • +1Ah 16:28

2 Beresosɛm 22:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 16:33; 2Ah 8:27, 28; Mik 6:16

2 Beresosɛm 22:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 8:15; 10:32
  • +1Ah 22:3; 2Be 18:14

2 Beresosɛm 22:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hebri nsaano nkyerɛwee bi mu no, wɔfrɛ no “Asaria.”

  • *

    Anaa “ɔyare.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 19:18, 23
  • +2Ah 9:15
  • +2Ah 8:16
  • +2Ah 3:1
  • +2Ah 9:16

2 Beresosɛm 22:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ba.”

  • *

    Nt., “ontwa Ahab fifo ngu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 19:16; 2Ah 9:20, 21
  • +2Ah 9:6, 7

2 Beresosɛm 22:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 10:10-14

2 Beresosɛm 22:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 9:27, 28
  • +2Be 17:3, 4

2 Beresosɛm 22:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ahenni aba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 22:2
  • +2Ah 11:1-3

2 Beresosɛm 22:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɔbea a ɔhwɛ no ma no nufu no.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:21
  • +2Ah 8:16
  • +2Be 23:1
  • +2Sa 7:12, 13; 1Ah 15:4; 2Be 21:7

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 22:12Be 21:16, 17
2 Be. 22:12Ah 8:24-26
2 Be. 22:22Ah 11:1, 13, 16; 2Be 24:7
2 Be. 22:21Ah 16:28
2 Be. 22:31Ah 16:33; 2Ah 8:27, 28; Mik 6:16
2 Be. 22:52Ah 8:15; 10:32
2 Be. 22:51Ah 22:3; 2Be 18:14
2 Be. 22:6Yos 19:18, 23
2 Be. 22:62Ah 9:15
2 Be. 22:62Ah 8:16
2 Be. 22:62Ah 3:1
2 Be. 22:62Ah 9:16
2 Be. 22:71Ah 19:16; 2Ah 9:20, 21
2 Be. 22:72Ah 9:6, 7
2 Be. 22:82Ah 10:10-14
2 Be. 22:92Ah 9:27, 28
2 Be. 22:92Be 17:3, 4
2 Be. 22:102Be 22:2
2 Be. 22:102Ah 11:1-3
2 Be. 22:112Ah 11:21
2 Be. 22:112Ah 8:16
2 Be. 22:112Be 23:1
2 Be. 22:112Sa 7:12, 13; 1Ah 15:4; 2Be 21:7
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 22:1-12

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

22 Ɛnna Yerusalemfo sii ne ba kumaa Ahasia* hene ma odii n’ade, efisɛ na nnipabɔnefo dɔm ne Arabiafo aba asoɛe hɔ abekunkum wɔn mu mpanyimfo no nyinaa.+ Enti Yehoram ba Ahasia bedii Yuda so hene.+ 2 Ahasia bedii ade no, na wadi mfe 22, na odii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Omri+ banana.*

3 Ɔno nso faa Ahab fifo akwan so,+ efisɛ ne maame tuu no fo ma ɔyɛɛ nneɛma bɔne. 4 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Ahab fifo yɛe no, efisɛ ne papa wui no, wɔn na wotuu no fo ma ewiee no bɔne. 5 Otiee wɔn afotu na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael+ kɔkoe wɔ Ramot-Gilead.+ Ɛhɔ na wɔtow agyan wɔɔ Yehoram ma opirae. 6 Ɔsan kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yare, efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael+ kɔkoe no, wopiraa no wɔ Rama.

Yuda hene Ahasia* a ɔyɛ Yehoram ba+ no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram,+ efisɛ na wapira.*+ 7 Nanso Yehoram hɔ a Ahasia kɔe no, Onyankopɔn na ɔma ɛbaa saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwe ase. Oduu hɔ no, ɔne Yehoram kohyiaa Nimsi banana* Yehu, na na Yehowa asra Yehu+ sɛ ɔntɔre Ahab fifo ase.*+ 8 Bere a Yehu tuu n’ani sii Ahab fi so sɛ ɔresɛe no no, ohuu Yuda adehye ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn.+ 9 Ɛnna ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia efisɛ na waguan akohintaw. Na wɔkyeree no wɔ Samaria de no brɛɛ Yehu. Wokum no, ɛnna wosiee no+ efisɛ wɔkae sɛ: “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Yehowa no banana.”+ Ná obiara nni Ahasia fi a ɔwɔ tumi a ɔde bedi ahenni no so.

10 Bere a Ahasia maame Atalia+ hui sɛ ne ba no awu no, ɔsɔre kunkum adehye mma* a wofi Yuda mu nyinaa.+ 11 Nanso ɔhene babea Yehosabat wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no fii ɔhene mma a na wɔrebekunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbea a ɔhwɛ no no* kosiee pia mu. Na Ɔhene Yehoram+ babea Yehosabat (ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada+ yere ne Ahasia nuabea) de no hintaw Atalia, enti wannya no ankum no.+ 12 Ɔne wɔn tenaa nokware Nyankopɔn no fi hɔ mfe asia a obiara anhu no. Saa bere no, Atalia na na odi ɔman no so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena