Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 25
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yuda hene Amasia ahenni (1-4)

      • Ɔne Edom kɔkoe (5-13)

      • Amasia som abosom (14-16)

      • Ɔne Israel hene Yehoas kɔkoe (17-24)

      • Amasia wui (25-28)

2 Beresosɛm 25:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:1-6

2 Beresosɛm 25:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:26

2 Beresosɛm 25:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 24:16

2 Beresosɛm 25:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “wɔapaw wɔn.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 8:11, 12
  • +Nu 1:2, 3

2 Beresosɛm 25:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

2 Beresosɛm 25:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 19:2

2 Beresosɛm 25:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:11; 20:6

2 Beresosɛm 25:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 2:7; Mme 10:22; Hag 2:8

2 Beresosɛm 25:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:13; Dw 60:Atifi
  • +2Ah 14:7; 2Be 20:10, 11

2 Beresosɛm 25:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:9
  • +1Ah 16:29
  • +2Be 8:3, 5

2 Beresosɛm 25:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:3, 5; De 7:25; 2Be 28:22, 23

2 Beresosɛm 25:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:20; Dw 115:8; Yer 2:5; 10:5

2 Beresosɛm 25:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 16:10; 18:25, 26
  • +Yes 30:10
  • +1Sa 2:25; Mme 29:1

2 Beresosɛm 25:17

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “yɛnko.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:8-10

2 Beresosɛm 25:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Woaka.”

  • *

    Anaa “w’ahemfi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:11

2 Beresosɛm 25:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:11-14
  • +2Be 25:14
  • +2Be 22:7

2 Beresosɛm 25:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:8, 16; 1Sa 6:19

2 Beresosɛm 25:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ntamadan mu.”

2 Beresosɛm 25:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Wɔsan frɛ no Ahasia.

  • *

    Ɛbɛyɛ mita 178 (anm. 584). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 8:16; 12:38, 39
  • +2Be 26:9; Yer 31:38; Sak 14:10

2 Beresosɛm 25:24

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:51; 15:18; 2Ah 24:12, 13; 25:13-15; 2Be 12:9

2 Beresosɛm 25:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 14:17-20
  • +2Ah 13:10
  • +2Ah 14:1

2 Beresosɛm 25:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:20; 15:8, 10; 21:23

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 25:12Ah 14:1-6
2 Be. 25:32Be 24:26
2 Be. 25:4De 24:16
2 Be. 25:51Sa 8:11, 12
2 Be. 25:5Nu 1:2, 3
2 Be. 25:72Be 19:2
2 Be. 25:82Be 14:11; 20:6
2 Be. 25:91Sa 2:7; Mme 10:22; Hag 2:8
2 Be. 25:112Sa 8:13; Dw 60:Atifi
2 Be. 25:112Ah 14:7; 2Be 20:10, 11
2 Be. 25:132Be 25:9
2 Be. 25:131Ah 16:29
2 Be. 25:132Be 8:3, 5
2 Be. 25:14Ex 20:3, 5; De 7:25; 2Be 28:22, 23
2 Be. 25:152Be 24:20; Dw 115:8; Yer 2:5; 10:5
2 Be. 25:162Be 16:10; 18:25, 26
2 Be. 25:16Yes 30:10
2 Be. 25:161Sa 2:25; Mme 29:1
2 Be. 25:172Ah 14:8-10
2 Be. 25:192Be 25:11
2 Be. 25:202Ah 14:11-14
2 Be. 25:202Be 25:14
2 Be. 25:202Be 22:7
2 Be. 25:21Yos 21:8, 16; 1Sa 6:19
2 Be. 25:23Ne 8:16; 12:38, 39
2 Be. 25:232Be 26:9; Yer 31:38; Sak 14:10
2 Be. 25:241Ah 7:51; 15:18; 2Ah 24:12, 13; 25:13-15; 2Be 12:9
2 Be. 25:252Ah 14:17-20
2 Be. 25:252Ah 13:10
2 Be. 25:252Ah 14:1
2 Be. 25:272Ah 12:20; 15:8, 10; 21:23
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 25:1-28

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

25 Amasia bedii hene no, na wadi mfe 25, na odii ade mfe 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadan, na na ofi Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nanso na ne koma nni mu. 3 Bere a ahenni no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na okunkum ne nkoa a wokum ne papa a na odi hene no.+ 4 Wɔn mma de, wankum wɔn, na mmom ɔyɛɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara nhoma no mu. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Ɛnsɛ sɛ agyanom wu esiane wɔn mma bɔne nti, na ɛnsɛ sɛ mma wu esiane wɔn agyanom bɔne nti; obiara nwu ne bɔne ho.”+

5 Na Amasia boaboaa Yuda ano, na ɔma wogyinagyinae sɛnea wɔn agyanom abusuafi te, apem apem sohwɛfo ne ɔhaha sohwɛfo biara ne ne dɔm wɔ Yuda ne Benyamin nyinaa;+ na ɔkyerɛkyerɛw wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ no din,+ na onyaa mmarima akatakyi a wonim ko* 300,000 a wobetumi de mpeaw ne akyɛm akɔ ɔsa. 6 Afei ɔde dwetɛ dwetikɛse* 100 kɔbɔɔ Israel mmarima akatakyi 100,000 paa. 7 Nanso nokware Nyankopɔn nipa bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “O ɔhene, mma Israel asraafo no ne wo nnkɔ, efisɛ Yehowa nka Israel ho;+ ɔnka Efraim mma no biara ho. 8 Wo nko ara kɔ, keka wo ho na fa akokoduru kɔ ɔko no. Anyɛ saa a, nokware Nyankopɔn no bɛma woahwe ase wɔ ɔtamfo anim, efisɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa obi+ anaa ɔma ɔhwe ase.” 9 Ɛnna Amasia bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Na dwetikɛse 100 a mede ama Israel asraafo no nso ɛ?” Nokware Nyankopɔn nipa no kae sɛ: “Yehowa betumi ama wo nea ɛkyɛn saa koraa.”+ 10 Enti Amasia yiyii asraafo a wofi Efraim bae no fii mu, na ɔma wɔkɔɔ wɔn kurom. Nanso wɔn bo fuw Yuda paa, na wɔde abufuw kɔɔ wɔn kurom.

11 Ɛnna Amasia de akokoduru dii ne dɔm anim kɔɔ Nkyene Bon no mu,+ na okunkum Seir mmarima 10,000.+ 12 Na Yuda mmarima kyeree wɔn mu 10,000 anikan, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan atifi kɔtow wɔn fii hɔ bɛhwehwee fam, na wɔn nyinaa mu tetewee. 13 Na asraafo a Amasia ma wɔsan wɔn akyi a ɔne wɔn ankɔ ɔko no,+ wɔn nso kɔtow hyɛɛ Yuda nkurow so, efi Samaria+ kosi Bet-Horon.+ Wokunkum emu nnipa 3,000 sesaw nneɛma bebree kɔe.

14 Bere a Amasia kokunkum Edomfo wiei a ɔreba no, ɔfaa Seir mmarima anyame no bae, na ɔde besisii hɔ de yɛɛ n’anyame,+ na ofii ase kotow wɔn hyew afɔrebɔde maa wɔn. 15 Ɛno nti Yehowa bo fuw Amasia denneennen, na ɔsomaa odiyifo bi kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na woakodi nkurɔfo no anyame akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ankasa nkurɔfo amfi wo nsam?”+ 16 N’ano ansi na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛapaw wo sɛ ɔhene fotufo anaa?+ Twa so!+ Dɛn nti na worebɛyɛ ama wɔakum wo?” Ɛnna odiyifo no twaa so, nanso ɔkae sɛ: “Minim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, enti na woayɛ eyi na m’afotu nso woantie no.”+

17 Yuda hene Amasia ne n’afotufo tuu agyina na ɔde nkra kɔmaa Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+ 18 Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nsɔensɔe soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nsɔensɔe no so sɛee no pasaa. 19 Woaka sɛ, ‘Maka* Edom agu.’+ Enti wo koma ama ne ho so rehoahoa ne ho na worepɛ anuonyam. Hwɛ so tena wo fi.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?”

20 Nanso Amasia antie,+ efisɛ Edom anyame a wokodii wɔn akyi nti,+ na nokware Nyankopɔn no pɛ sɛ ɔde wɔn hyɛ atamfo nsa.+ 21 Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so. 22 Yuda dii nkogu wɔ Israel anim maa obiara guan kɔɔ ne fi.* 23 Israel hene Yehoas kyeree Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Yehoahas* ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na obebuu Yerusalem fasu no basafa 400* guu mu, efi Efraim Pon+ no ano kosi Ntwea So Pon+ no ano. 24 Ɔsesaw sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ nokware Nyankopɔn no fi a ɛhyɛ Obed-Edom nsa nyinaa ne nea ɛwɔ ɔhene fi* akorae+ hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria.

25 Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas wu akyi no,+ Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfe 15 kaa ho. 26 Amasia ho nsɛm a aka, efi mfiase kosi awiei, hwɛ, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nhoma no mu. 27 Efi da a Amasia twee ne ho fii Yehowa ho no, nkurɔfo bɔɔ ne ho pɔw+ wɔ Yerusalem, enti oguan kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kotiw no wɔ Lakis kokum no wɔ hɔ. 28 Enti wɔde no too apɔnkɔ so besiee no kaa n’agyanom ho wɔ Yuda kurow mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena