Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien
19 Ɛnna Yuda hene Yehosafat san baa ne fi* dwoodwoo*+ wɔ Yerusalem. 2 Ɔdehufo Hanani+ ba Yehu+ baa Ɔhene Yehosafat nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nnebɔneyɛfo na ɛsɛ sɛ woboa wɔn?+ Na wɔn a wɔtan Yehowa na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn anaa?+ Nea woayɛ yi nti, Yehowa bo afuw wo. 3 Nanso wɔahu adepa bi wɔ wo ho,+ efisɛ woayiyi abosonnua* no afi asaase no so, na woasiesie wo koma* sɛ wobɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn no.”+
4 Yehosafat kɔɔ so tenaa Yerusalem, na ɔsan fii adi kɔɔ ɔmanfo no mu, efi Beer-Seba kosi Efraim mmepɔw mu,+ sɛ ɔrekɔdan wɔn aba wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.+ 5 Afei ɔpaw atemmufo wɔ Yuda asaase so nkurow a wɔabɔ ho ban nyinaa mu; kurow biara nyaa ne de.+ 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye, efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa, na ɔka mo ho wɔ atemmu no mu.+ 7 Afei munsuro Yehowa,+ na momfa ahwɛyiye nyɛ mo adwuma, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn mmu ntɛnkyea,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na onnye adanmude.”*+
8 Yerusalem nso, Yehosafat paw Lewifo ne asɔfo ne Israel agyanom abusuafi mpanyimfo no bi sɛ wommu atɛn mma Yehowa na wonni Yerusalemfo ntam nsɛmnsɛm.+ 9 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa Yehowa suro, nokwaredi, ne koma a edi mu nyɛ eyi: 10 Sɛ mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu de asɛm biara ba mo anim na ɛfa mogyahwiegu+ anaa mmara, ahyɛde, nhyehyɛe a ɛda hɔ, ne atemmusɛm ho a, monkasa nkyerɛ wɔn na wɔanni fɔ Yehowa anim; anyɛ saa a, ne bo befuw mo ne mo nuanom. Eyi na monyɛ na asodi amma mo so. 11 Ɔsɔfo panyin Amaria na ɔda mo ano wɔ Yehowa nsɛm nyinaa mu.+ Ismael ba Sebadia na obedi Yuda fi anim wɔ ɔhene nsɛm nyinaa mu. Lewifo no nso bɛyɛ mo so mpanyimfo. Monyɛ den na monyɛ adwuma no, na wɔn a wɔbɛyɛ adepa no, Yehowa bɛka wɔn ho.”+