Hiob
22 Ɛnna Elifas+ a ofi Teman no kae sɛ:
2 “Ɔbarima so wɔ mfaso ma Onyankopɔn anaa?
Na obi a ɔwɔ nhumu so wɔ mfaso ma no anaa?+
3 Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, ade nyinaa so Tumfo no de, ɛfa ne ho bɛn?*
Na wokɔ so ma w’abrabɔ di mu a, mfaso bɛn na obenya?+
4 Wo nyamesuro nti, obedi w’asɛm
Na watwe w’aso anaa?
9 Nanso womaa akunafo de nsapan kɔe,
Na nnyanka nso, wububuu wɔn nsam.
10 Ɛno nti na mfiri* atwa wo ho ahyia,+
Na nneɛma a ɛyɛ hu a ɛba mpofirim hunahuna wo no.
11 Ɛno nti na esum kabii aba a wuntumi nhu ade no.
Na ɛno nso nti na nsu ayiri akata wo so no.
12 Ɛnyɛ ɔsorosoro na Onyankopɔn wɔ anaa?
Na hwɛ sɛnea nsoromma nyinaa wɔ soro tɔnn.
13 Nanso woka sɛ: ‘Ɛdɛn koraa na Onyankopɔn nim?
Obetumi ahu nea ɛwɔ sum kabii mu abu atɛn anaa?
17 Wɔka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: ‘Gyaa yɛn!’
Na wɔkae sɛ, ‘Ɛdɛn na ade nyinaa so Tumfo no betumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso Ɔno na ɔde nneɛma pa ahyɛ wɔn afi ma.
(Me de, adwemmɔne a ɛte saa nni me tirim koraa.)
19 Atreneefo behu eyi na wɔadi ahurusi,
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm bedi wɔn ho fɛw sɛ:
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo,
Na wɔn ho biribiara a aka nso, ogya bɛhyew.’
23 Sɛ wosan ba ade nyinaa so Tumfo no nkyɛn a, wobɛsan asi wo dedaw mu;+
Sɛ wuyi nea ɛnteɛ fi wo ntamadan mu,
24 Sɛ wotow wo sika kɔkɔɔ* gu mfuturu mu,
Na wotow Ofir sika kɔkɔɔ+ no gu subon* mu a,
25 Anka ade nyinaa so Tumfo no bɛba abɛyɛ wo sika kɔkɔɔ,*
Na ɔno ara nso abɛyɛ wo dwetɛ amapa.
26 Anka ade nyinaa so Tumfo no nti, w’ani begye,
Na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛsrɛ no, na obetie wo,
Na bɔ a woahyɛ no, wubetua.
28 Nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ biara bɛyɛ yiye,
Na hann bɛhyerɛn wɔ wo kwan so.
30 Obegye wɔn a wɔn ho nni asɛm;
Enti sɛ wo nsa ho tew a, sɛnea ɛte biara obegye wo.”