Sakaria
12 Atemmusɛm:
“Eyi yɛ Yehowa asɛm a ɛfa Israel ho,” Yehowa asɛm ni,
Nea ɔtrɛw ɔsoro mu,+
Na ɔtoo asaase fapem,+
Na ɔyɛɛ honhom* a ɛwɔ onipa mu no.
2 “Hwɛ, mɛma Yerusalem ayɛ kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ afã-afã, na wɔbɛka Yuda ne Yerusalem ahyɛ mu.+ 3 Saa da no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbo a emu yɛ duru* ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepira paa,+ na asaase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba no so.”+ 4 Nea Yehowa aka ni: “Saa da no, mɛma ehu aka apɔnkɔ nyinaa, na wɔn a wɔtete wɔn so no bɛbobɔ adam. Mɛma m’ani akɔ Yuda fi so, na amanaman no apɔnkɔ de, mɛma wɔn nyinaa aniwa afurafura. 5 Na Yuda abusua mpanyimfo bɛka wɔ wɔn komam sɛ, ‘Yerusalemfo ne m’ahoɔden, asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn nti.’+ 6 Saa da no, mɛma Yuda abusua mpanyimfo ayɛ sɛ kuku a ogya wom wɔ nnua ntam, na wɔbɛyɛ sɛ gyatɛn* wɔ hwiit* a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu.+ Na ɛbɛhyew aman a atwa ne ho ahyia wɔ benkum ne nifa nyinaa,+ na nkurɔfo bɛsan atena wɔn tenabea bio wɔ Yerusalem.*+
7 “Na Yehowa bedi kan agye Yuda ntamadan, sɛnea ɛbɛyɛ a Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam renyɛ kɛse nsen Yuda. 8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfo ho ban;+ saa da no, nea obehintiw* wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyame, te sɛ Yehowa bɔfo a odi wɔn anim no.+ 9 Saa da no, aman a wɔbɛba Yerusalem so nyinaa, sɛnea ɛte biara mɛhyew wɔn ase.+
10 “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔbɛhwɛ nea wɔde ade wɔɔ no no,+ na wobesu no pii te sɛ nea wɔresu wɔn ba baako pɛ a wawu, na wobesu no paa te sɛ nea wɔresu wɔn abakan a wawu. 11 Saa da no, wobesu ateɛteɛm pii wɔ Yerusalem te sɛ nea wosu teɛteɛɛm wɔ Hadadrimon wɔ Megido Asaasetraa so+ no. 12 Asaase no nyinaa besu, abusua biara besu ne su; Dawid fi abusua besu, na wɔn mmea nso asu; Natan fi abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu; 13 Lewi fi abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu; Simeifo abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu;14 na mmusua a aka nyinaa besu, abusua biara besu ne su, na wɔn mmea nso asu.